Ɔsom Akwankyerɛ, Ɔbɛnem 2020
ƐSOM A ƐNAM TƐMPOL DWUMADIE SO
Sɛ yɛboa afoforɔ ma wɔnya tɛmpol nhyira mu anigyeɛ a, na yɛresom.
Background from Getty Images; photograph of Tegucigalpa Honduras Temple
Tɛmpol kɔ som bo. Titenani Russel M. Nelson akyerɛ sɛ “tɛmpol ho hia ma yɛne yɛn mmusua nkwagyeɛ ne mpagya.
“…Yɛn mu biara hia honhom mu ahoɔden ne nkyerɛkyerɛ a ɛfata yie a, gye sɛ Awurade no fie nko ara.”1
Tɛmpol nkorɔeɛ hia sɛ yɛhyehyɛ yɛn mmerɛ, ahyɛdeɛ, ne y’agapadeɛ, afei nso sɛ yɛsiesie yɛn ho yie wɔ honhom fam. Yɛresom berɛ a yɛbɛhunu yɛn nuanom akwansideɛ na yɛaboa wɔn ama wɔafiri akwansideɛ no mu na wɔakɔ tɛmpol.
Tɛmpol No Yɛ Nhyira a Obiara ani Bɛtumi Agye ho.
Nsɛmpatrɛni, Meg, a na waba fie foforɔ, a na ɔrekɔ Kona Hawaii Tɛmpol ho hunuu abaayewa bi a ɔno nko ara te bɛnkyi so wɔ abɔntene. Meg tee nka sɛ ɛwɔsɛ ɔkasa abaayewa no ho, nanso na ɔnnhunu deɛ ɔnka. Enti ɔbisaa no tatoo bi a na abaayewa yi ayɛ agu n’abakɔn asekyerɛ. Ɛno na ɛhyɛɛ nkɔmmɔdie ase a ɛmaa abaayewa, Lani, kaa n’asɛm.
Lani kakyerɛɛ no ɛfa ɔhaw a ɔrefa mu sɛ ɔbɛsane abɛyɛ Asɔre no dwumadifoɔ mapa, asɔremma papa a na wɔboa no, ne anidasoɔ a ɔwɔ sɛ dabi ɔbɛsɔ ɔne ne babaa ano abom.
Meg frɛɛ Lani sɛ ɔmmera na ɔne no nkɔ tena tɛmpol no twen dan no mu. Wɔn ntumi nkɔtɛmpol no mu akyirikyiri deɛ, nanso wɔbɛtumi atra aboboɔ no ano. Lani penee so, na wɔn baanu wuraa abɔnten pono no mu. Tɛmpol dwumayɛni bi kyerɛɛ wɔn bɛnkyi bi a ɛsi Agyenkwa no mfonini ase.
Wɔte hɔ no, Lani weseeɛ, “Mepɛɛ sɛ meba tɛmpol ɛnnɛ, nanso na mesuro.“ Ɛnam sɛ Meg tiee Honhom no nti, ɔboa maa Lani mpaeɛ a ɔbɔeɛ no baa mu.
Nsusuiɛ a Ɛboa wɔn a wɔnni Adansedie krataa
Mpo wɔn a wɔnni tɛmpol adansedie krataa no tumi nya tɛmpol nhyira.
-
Kyerɛ watenka fa sɛdeɛ Awurade no ahyira wo ɛnam tɛmpol adwumayɛ mu.
-
To nsa frɛ obi ma ɔnkɔ tɛmpol anobue nsrahwɛ anaasɛ ahɔhoɔ beaɛ. Hwehwɛ tɛmpol anobue a ɛwɔ ɔtwɛn mu wɔ temples.ChurchofJesusChrist.org.
-
Hwɛ mfonini na sua tɛmpol ho nsɛm pii wɔ temples.ChurchofJesusChrist.org.
Ma tɛmpol Kɔ nyɛ Merɛ mma Afoforɔ
Mpo asɔremma a wɔwɔ tɛmpol adansedie krataa no tɛmpol kɔ tumi yɛ ɔhaw ma wɔn. Ɛbɛhia sɛ ɛbinom bɛtu kwan tentene. Ebinom bɛwɔ mmɔfra anaasɛ mpanimfoɔ a wɔbɛhia mmoa. Yɛbɛtumi ayɛ adwuma abom ama tɛmpol som aba mu ama obiara.
Ɛyɛɛ Leola chandler ahodwiri sɛ wɔhwɛɛ ne kunu yarefoɔ ne ne mma nan so maa no. Enti ɔdwenee sɛ ɔbɛtu mmerɛ bi asi hɔ Ɛbenada biara mu akɔ tɛmpol a ɛbɛn. Na ɛbɛyɛɛ asomdwoeɛ ne tumi wɔ n’abrabɔ mu.
Dakoro bi ɔtee sɛ mmaa mpanimfoɔ kakra wɔ ne ward hɔ a wɔpɛsɛ wɔkɔ tɛmpol, nanso wɔnni akwantuo no ho akadeɛ. Leona de wɔn tenaa ne hyɛn mu kɔɔeɛ. Mfeɛ aduanan a ɛtoaa so no, ɔno nko ara ankɔ tɛmpol.2
Wɔhyiraa Leola, na ɔno nso hyiraa afoforɔ berɛ a ɔde wɔn kaa ne ho kɔɔ tɛmpol.
Nsusuiɛ a Ɛboa Afoforɔ ma Wɔkɔ Tɛmpol
Sɛn na wobɛtumi aboa afoforɔ ama wɔakɔ tɛmpol mpɛn pii? Wobɛhunu sɛ saa nsusuiɛ korɔ yi aboa wo nso.
-
Kɔ bom. Kyɛ anaa boa obi wɔ ahyɛntiadeɛ mu. Ɛbɛtumi ahyɛ obi nso nkurane ama wakɔ tɛmpol.
-
Bisa w’abusuafoɔ anaa wo ward na wɔmmoa wo wɔ w’awufoɔ ayɛyɛdeɛ mu, titire berɛ a wowɔ abusua din dodo.
-
Boa hwɛ mmɔfra so sɛ ɛbɛyɛ a awofoɔ bɛtumi akɔ tɛmpol. Anaa monhyehyɛ sɛdeɛ mobɛhwɛ afoforɔ mmɔfra so adaneadanee.
Berɛ a Tɛmpol No Wɔ Akyirikyiri
Chandradas “Roshan” ne Sheron Antony a wɔfiri Colombo, Sri Lanka, yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛsɔ wɔn ho ano wɔ tɛmpol. Wɔn nnamfonom Ann ne Anton Kumarasamy ani gyee maa wɔn. Nanso na wɔnim sɛ Manila Phillippines Tɛmpol no hɔ nkorɔeɛ no ɛnnyɛ fo anaa ɛyɛ mmrɛ.
Roshan ne Sheron siee wɔn sika na wɔtuaa ahyɛntiadeɛ a wɔn sika bɛso ho ka too hɔ abosome bebree akyi. Awieɛ no, ɛda no soeɛ. Na berɛ a wɔduruu Malaysia no, wɔhunuu sɛ wɔretoa so akɔ Phillippines no, wɔbɛhia fisa anaa ɛhyɛn foforɔ. Na fisa ho ayɛ den, na wɔntumi ntɔ wiemhyɛn foforɔ tekiti. Nanso na ayɛ den sɛ wɔbɛsane wɔn akyi berɛ a wɔnnsɔɔ wɔn ho ano.
Afei wɔnnhunu deɛ wɔnyɛ bio no, wɔfrɛɛ Anton. Anton ne Ann pɛɛ sɛ wɔboa kwan biara so. Na wɔyɛ awarefoɔ kakra bi a wɔwɔ Sri Lanka a wɔasɔ wɔn ho ano wɔ tɛmpol, na wɔnim nhyira a ɛyɛ. Nanso na wɔde wɔn sika aboa abusua bi a wɔwɔ ahohia mu, na wɔnni sika dodo a wɔde bɛboa Roshan ne Sheron atɔ wiemhyɛn tekiti foforɔ.
Wɔ Sri Lanka hɔ, ɛyɛ amammerɛ sɛ okunu tɔ sikakɔɔ kɔnmuadeɛ ma ayeforɔ no na sɛ okunu no wu a ɔbaa no anya sika. Ann yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛtɔn ne kɔnmuadeɛ de aboa ama wɔatɔ tekiti foforɔ. N’adɔeɛ sono yi boa maa Roshan ne Sheron tumi yɛɛ tɛmpol nhyehyɛeɛ no wɔ Manila.
Ann kaa sɛ, “Menim tɛmpol nsɔanoo boɔ a ɛsom.” “Mahunu sɛ Sheron ne Roshan bɛyɛ ahoɔden kɛseɛ ama branch no. Na mempɛ sɛ wɔhwere saa akwanya yi.”3
Nsusuiɛ a Ɛbɛboa Wɔn a Wɔnntumi Nkɔ Tɛmpol
Wɔbɛtumi afrɛ wo sɛ som wɔn a wɔntumi nkɔ tɛmpol ntɛmntɛm anaa wɔntumi nkɔ koraa anaa kwan a ɛware anaa aboɔden a ɛyɛ nti. Nanso wobɛtumi afa kwan bi so aboa ama wɔn ani asɔ tɛmpol nhyira no ho.
-
Kyerɛkyerɛ anaa ɛne wɔn mmom wɔ tɛmpol ahosisie anaa abusua abakɔsɛm adesua mu.
-
Ma wɔn tɛmpol mfonini mfa nsɛn wɔn fie mu.
-
Sɛ wakɔ tɛmpol pɛn a, ɛne wɔn nkyɛ w’atenka fa wo suahunu ne w’adanseɛ wɔ tɛmpol ayɛyɛdeɛ ho.
-
Boa ma wɔnsua adeɛ pii mfa apam a wɔayɛ no ho ne sɛdeɛ wɔbɛdi soɔ. Dwene ho sɛ wode “Understanding Our Covenants with God: An Overview of Our Most Important Promises,” wɔ Ayɛwohomumɔ 2012 Liahona.
© 2019 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintim no wɔ USA Borɔfo Kasa ho Kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/19. Nkyeraseɛ Ministering Principles, March 2020. Twi. 16985 503