2020
Ɔsom a ɛnam Abusua Abakɔsɛm so
Ɔgyefuo 2020


Ɔsom Akwankyerɛ, Ɔgyefuo 2020

Ɔsom a ɛnam Abusua Abakɔsɛm so

ministering

Joshua Dennis Nkyerɛkyerɛmu; akyire mfonini ne mfonini a ɛfiri Getty mfonini mu.

Ɛmmoa a yɛdeboa binom wɔ wɔn abusua abakɔsɛm mu no yɛ ɔkwan a ɛsom bo wɔ ɔsom mu. Berɛ a wo ne afoforɔ redi nkutaho fa wɔn awufoɔ ho ɛnam abusua abasɛm ne nkyerɛmu a ɛdɔ mu no, ɛbɛwie aseɛ no na wode nneɛma bi ahyehyɛ wɔn akoma mu ma a na wɔnnim da sɛ wɔwɔ saa adeɛ no (hwɛ Malakai 4:5-6).

Sɛ ɛyɛ Asɔreba dadaa anaa obi a ɔntee Yesu Kristo nsɛmpa a wɔasane de ama no nka da no, Onyankopɔn ba biara kɔn dɔ sɛ ɔhunu baabi a ɔfiri baeɛ.

Ɛntaa nkyɛ sɛ ɛde atenka a ɛmu dɔ bɛgya, sɛdeɛ wɔakyerɛ mu wɔ abasɛm a ɛdidi soɔ yi mu no.

Rehwehwɛ Abusua wɔ Anammɔn 30,000 wɔ soro

Ɛnkyɛreeɛ mete wiemhyɛn mu rekɔ fie no, mehunuu me ho sɛ mete bɛn Steve, a ɔkaa n’abasɛm mu bi kyerɛɛ me. Wawie sukuu pɔn mu adesua, awura U. S. Asraafoɔ adwuma mu sɛ nkutahodie nimdefoɔ berɛ a wadi mfeɛ 18, Ɔhyɛɛ aseɛ yɛɛ adwuma wɔ White House, boa United State Titenani wɔ nkutahodie mu. Ɛfiri mfeɛ 18 kɔpem 26 no, ɔsomm U. S. Titenani mmienu. Na n’abasɛm no yɛ anika!

Mekaa sɛ ’’Steve,’’ ’’ɛwɔ sɛ wotwerɛ saa abasɛm yi to hɔ ma nkyirimma! Ɛwɔ sɛ wɔnya saa abasɛm yi firi wo nsa ano ntɛm so.’’ Ɔpenee so.

Honhom no kaa me sɛ memmisa no deɛ ɔnim fa n’awufoɔ ho. Na Steve nim pii fa ne maame fa mu, ne abasɛm bi a mmerɛ bi a n’abusua ne Abraham Lincoln didi boomu berɛ a na ɔrebɔ U. S. titenani abatoɔ ho ntoa wɔ wɔn kurom hɔ afe 1860 mu.

Na ɔnim ketewa bi fa ne papa famu, nanso. Ɔpɛɛ sɛ ɔbɛhunu dodo. Meyii me foon ɛna mebuee FamilySearch app no. ’’Steve, yɛbɛtumi ahunu w’abusa seesei ara!’’

Mewuraa ɛhyɛn no Wi-Fi no mu. Mede me foon no too apampa pono a ɛwɔ y’nim no so sɛdeɛ yɛ mmienu bɛhunu so. Yɛhwehwɛɛ Family Tree no mu. Wɔ sima kakra bi ntam na me ne no rehwɛ ne nana-nanabarima awareɛ adansedie krataa a ɔde maa ne nana-nanabaa.

Ɔkaa sɛ, ’’Ɛyɛ wɔn a!’’ ’’Makae n’abusua din seesei ara!’’

Anigyeɛ honhom no dwaree yɛn baanu. Yɛyɛɛ adwuma hyehyɛɛ n’awufoɔ a na ɔnnim wɔn no wɔ sima 45 a na ɛdi y’anim no mu. Ɔbisaa me sɛ menhyɛ no bɔ sɛ yɛbɛkɔ so ahwehwɛ abom wɔ Colorado. Yɛgyegyee yɛn akyiri akwan ho nsɛm berɛ a na wiemhyɛn no resi fam.

Ɛha yi no, na yɛwɔ ewiem anammɔn 30,000 (9,145 m) na ade ketewa bi te sɛ me nsam rehwehwɛ ɔbarima ne ɔbaa a wɔwareeɛ mfeɛ 100 a atwam a wɔn ayera afiri wɔn abusua mu. Ɛyɛ nwanwa! Nanso yɛhunuu wɔn. Abusua aka abom. Yɛkaekaee Abasɛm . Aseda atenka ba maa abɛɛfonimdeɛ ne n’akadeɛ no. Na ɛnnyɛ biribiara sɛ anwanwadwuma.

Jonathan Petty, Colorado, USA

Abusua Foforɔ Atwa ne ho ahyia

Maria tɔɔ baha boro mfeɛ 20. Abosome kakra a atwam no, yɛ ne no dii nnɔnhwere kakra wɔ fie, hwehwɛɛ n’abusua mu firii abatoɔ nkrataa ne nwoma afoforɔ mu. Ɛduruu baabi no ɔde nnisuo teaam, ’’Mede nnɔnhwere mmienu ahunu m’abusua ho nsɛm sene deɛ menim no wɔ me kwan nna nyinaa mu!’’

Yɛn mmerɛ soeɛ no, yɛkyerɛɛ no Abusua a Atwa Me ho Ahyia no su wɔ Family Tree app no mu. Ɛwiee sɛ me ne me kunu ne Maria bɔ abusua tentene. Ɔde nnisuo bio, kaa sɛ na ɔdwene sɛ ɔyɛ akonam. Ɔnnim da sɛ ɔwɔ abusua wɔ mpɔtamu hɔ. Nnawɔtwe kakra akyi Maria ne yɛn bishop hyiaeɛ. Seesei ɔreyɛ adwuma asiesie ne ho akɔ tɛmpol, na wahyia ne wɔfa ne ne sewaa mma afoforɔ wɔ yɛn ward hɔ!

Carol Riner Everett, North Carolina, USA

Ɔsom ho Akwankyerɛ

Ashley, onuabaa bi a mesom no, ne me wɔ aduanenoa nwoma a yɛnya firii yɛn nananom hɔ. Ne deɛ no ɔnya firii ne nana-nana hɔ, na medeɛ no yɛ nwoma bi a mekeka boom firi me Nana Greenwood akwankyerɛ adaka mu berɛ a ɔfirii mu akyire.

Me ne Ashley mmienu yii akwankyerɛ baako firii yɛn aduanenoa nwoma no mu, na anadwo bi a yeapɔn adwuma no yɛyɛɛ y’adwene sɛ yɛbɛsɔ ahwɛ. Ɔfaa adɔkɔdɔkɔdeɛ kane, enti yɛyɛɛ ɛno kane ɛna yɛdehyɛɛ fononoo mu. Mefaa chip dip—aduane a ɛdi akotene wɔ Greenwood abusua apontoɔ mu. Ashley babaa Alice na ɔboa kaa aduane no hwɛeɛ. Na, esane sɛ Ashley ampɛ sɛ ne mma di nnɔkɔnnɔkɔdeɛ no nyinaa nti, ɔde bi kɔmaa anuanom mmaa a ɔsom wɔn no.

Adeɛ baako a m’ani gyee ho kɛse wɔ anadwo aduanenoa yi ho ne sɛ, yɛrenoa no nyinaa na yɛredi ɔsom ho asɛntire atitire no nyinaa ho nkɔmmɔ—n’akosɛm ne me nso me deɛ. Na yɛdii yɛn nanammaa ne yɛn maamenom ho nkɔmmɔ, a na ɛyɛ foforɔ koraa ma yɛn baanu.

Jenifer Greenwood, Utah, USA

Akwan Soronko a Ɛbɛboa

Abusua abakɔsɛm bɛtumi abue apono ama ɔsom berɛ a yɛsusu sɛ biribiara rennyɛ yie. Nsusuiɛ kakra a wobɛtumi ayɛ ahwɛ nie.

  • Boa wɔn ma wɔntwerɛ na wɔntwe abusua abasɛm ngu apaawa so, titire deɛ mfonini ka ho.

  • Yɛ aseresɛm pono bi anaa abusua abakɔsɛm a wɔbɛtumi atintim no wɔ nkrataa so ma wɔn sɛ akyɛdeɛ.

  • Kyerɛ akwan a wɔbɛfa so anya wɔn ankasa abakɔsɛm wɔ nsɛmma nwoma mu sɛdeɛ wɔn ani gye ho. Ɛyɛ ɛnne nsɛmma nwoma? Mfonini nsɛmma nwoma? Sini twerɛtohɔ? Akwan bebree wɔ hɔ ma wɔn a wɔn ani nnye nsɛmma nwoma a wɔagye atom no twerɛ ho.

  • Monnkɔ tɛmpol mmɔm nyɛ ayɛyɛdeɛ mma awufoɔ. Anaa sɛ boa wɔn yɛ ayɛyɛdeɛ ma wɔn abusua din sɛ ɛdɔɔso boro wɔn so a.

  • Monka mmɔm na monkyɛ abusua amanneɛ.

  • Monyɛ abusua abakɔsɛm adesua mmɔm.