Ɔsom Akwankyerɛ, Ɔpɛnimaa 2019
Yɛnam Ɔsom mu reboaboa Israel ano
Ɔsom yɛ akwannya sɛ yɛbɛdi nkɔmhyɛni no afutuo so sɛ yɛmmoa wɔ Israel anoboaboa no mu.
Titenani Russel M. Nelson ato nsa afrɛ yɛn sɛ yɛmmoa wɔ Israel anoboaboa no mu—“Adwuma sono a ɛɛkɔ so asaase yi so ɛnɛ.”1
Mo a mopɛ sɛ mo ka Israel anoboaboa ho no, ɔsom yɛ akwannya sononko ma mo. Ɛyɛ nkuranhyɛ kwan a yɛde sesa nnipa abrabɔ. Ɛmfa ho sɛ yɛresom wɔn a atete-ada anaa sɛ yɛɛto nsa afrɛ wɔn sɛ wɔmmɛ boa yɛn ma yɛn nsom afoforɔ, ɔsom yɛ akwannya a yɛde boaboa Israel.
Yɛregye asɔremma a wasan aba
Sɛ ɔdɔ ne yɛn nyinasoɔ a, anwanwadeɛ bɛsi, na yɛbɛhu kwan a yɛbɛfa so ama yɛn nnuanom a wɔn ‘ayera’ no aba Yesu Kristo asɛmpa mu.” —Jean B. Bingham2
“Metedaaɛ bɛyɛ mfeɛ nsia berɛ a me ne me kunu tu kɔɔ kuro foforɔ so. Me mmaa kuo panyin foforɔ no bɛsraa me, bisaa me sɛ ɔbɛtumi ama ɔbaa bi abɛsra me. Mede ahopopoɔ gyee penee. Onuabaa no bɛsraa me bosome biara, ɛmfa ho sɛ na ɔmpɛ nkraman--na mewɔ kraman dɔfoɔ bi! Ɔtoaa so som me mfeɛ mmienu, na ɛnyaa nsunsuansoɔ kɛseɛ wɔ me so.
“Na ne nsrahwɛ no yɛ ayɔnkofa nkɔmmɔ, ɛwɔm a na wabisa nsɛmmisa bi a ɛbɛma yɛadi honhom mu nkɔmmɔ. Na ɛmma meho ntene ma, nanso na ɛpusu me sɛ mensi agyinaeɛ sɛ mɛkɔ anim wɔ asɛmpa no mu anaa mɛtena deɛ meteɛ no ara. Na saa agyinasie yi yɛ me den, nanso meyiiɛ sɛ mene mmaa no bɛkɔ.
“Da a ɛdikan a mekɔɔ adidikronkron no wɔ mfeɛ nsia mu no, na mesuro sɛ mɛkɔ dan no mu. Berɛ a mewuraa asɔre hɔ no, na onuabaa somfoɔ no retwɛn me, na ɔne me wuraa dan no mu. Yɛpɔn yɛ no, ɔsan de me kɔɔ me lɔɔre ho, bisaa me deɛ ɔbɛtumi ayɛ aboa me ma mabɛn Agyenkwa no.
“Me somfoɔ ɔbaa yi mmerɛ ne ne ɔdɔ boaa me baa asɔre na mefa ne mmoa no sɛ akyɛdeɛ kɛseɛ paa baako wɔ m’abrabɔ mu. M’ani sɔ sɛ na ɔka me ho wɔ saa anammɔntuo a ɛde me kɔɔ Agyenkwa no asɔre.”
wɔde din no asie, British Columbia, Canada
Nkyerɛnkyerɛ a ɛwɔm
“Ɔsraa me bosome biara”
Sɛn na wɔbɛkyerɛ wɔn a wosom no sɛ wodɔ wɔn kyɛn nneɛma foforɔ? (Hwɛ Doctrine and Covenants 121:44).
“Nsɛmmisa”
Sɛ wobisa nsɛmmisa papa a, ɛma nnipa hwehwɛ wɔn mu. Kai sɛ yɛn nsrahwɛ no wɔ botaeɛ a ɛboro ayɔnkogorɔ so.3
“Ɔretwɛn me”
Ɛwɔ sɛ obiara te nka sɛ yɛhia no (hwɛ 3 Nephi 18:32).
“Na ɔka me ho wɔ m’akyi ba mu”
Yɛmmoa bɛtumi de nsonsonoeɛ kɛseɛa aba wɔn a ateteada so ma wɔn asan aba Agyenkwa no nkyɛn ma wɔn anya ayaresa (hwɛ Hebrefoɔ 12:12–13).
Ɔsom ne Anoboaboa
“Wɔ kwan biara a ɛyɛ ma wo so, wo ne afoforɔ nkyɛ sɛntia Yesu Kristo ne N’Asɔre sombo ma wo. …
“… W’asɛdeɛ ne sɛ wobɛkyɛ deɛ ɛwɔ w’akoma mu na w’abɔ wo gyidie so abrabɔ.” --Ɛlda Dieter F. Uchtdorf4
Ɔsom ne asɛmpakyɛ no na ɛkɔ. Wei yɛ kwan a yɛbɛtumi de aboaboa ayɔnkofoɔ ne anuanom ano berɛ a yɛresom--anaa yɛsom wɔ berɛ a yɛreboabao anuanom ne ayɔnkofoɔ ano:
-
Som bɔ mu. Hwehwɛ akwanya fa frɛ anuanom ne ayɔnkofoɔ sɛ wɔmmɛ boa ma mo nsom obi a ɔwɔ ahokyerɛ mu. Srɛ wɔn sɛ wɔmmoa wo na noa aduane mma obi a wawo foforɔ, mo nkɔsra ɔpanyin bi, anaa mo nkɔ siesie obi a ɔyare fie.
-
Mo nkyerɛ adeɛ mmɔ mu. Susu ho sɛ wobɛfrɛ ɔyɔnkoɔ bi anaa onua bi a ɔntaai mma asɔre sɛ ɔmma asɛmpatrɛfoɔ no mmɛkyerɛ obi adeɛ wɔ wɔn fie. Anaa wadamfo no bɛtumi abɛboa wɔ wo fie anaa obi foforɔ fie ma mo akyerɛ obi adeɛ.
-
Boa afoforɔ berɛ a wɔwɔ ahokyerɛ mu. Pɛ lɔɔre ma obi nkɔ asɔre. To nsa frɛ mmofra ne mmabunu ma wɔmmra adwumadie bi. Kwan bɛn so na wobɛtumi asom na waboabooa?
-
Fa nneɛma a Asɔre no de ama no yɛ adwuma. Asɔre no ma akwannya pii a ɛboa asɔremma no ma wɔne afoforɔ kyɛ asɛmpa no. Wobɛtumi ahwehwɛ “Asɛmpatrɛ” fa a ɛwɔ ’Gospel Library app’ no mu na wakɔ ComeUntoChrist.org akɔ hwɛ adwenkyerɛ wɔ sɛdeɛ yɛbɛboaboa Israel ano wɔ yɛn mpɔtam.
© 2019 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintim no wɔ USA Borɔfo Kasa ho Kwan-ma: 6/18. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/18. Nkyerɛaseɛ Ministering Principles, January 2020. Twi. 16984 503