2019
Sɛdeɛ Honhom no Bɛtumi (na Ɛbɛ) Boa Wo ama Wasom
Ɛbɔ 2019


Ɔsom Akwankyerɛ, Ɛbɔ 2019

Sɛdeɛ Honhom no Bɛtumi (na Ɛbɛ) Boa Wo ama Wasom

Asɔfodie dwumadie a wɔde ama mmarima ne mmaa, sɛ wɔmfa nsom no, tumi a wɔde nya adiyisɛm ka ho.

ministering

Nkyerɛkyerɛmu a ɛfiri Getty Images

Ɔfrɛ a wɔde som na wɔboa na mpo wɔde nya ɔdɔ sɛdeɛ Agyenkwa no yɔɔeɛ no tɔ da a, ɛtumi yɛ ɔhaw—titire berɛ a ɛfa obi a yɛnnim no yie ho. Akwan ɔpepem a yɛfa so som nti, ɛyɛ a na ayɛ adwennwene sɛ yɛbɛhunu ɔkwan papa a yɛmfa so nhwehwɛ wɔn a wɔde wɔn ahyɛ yɛn nsa.

Ɛnsɛ sɛ yɛdwennwene ho pii ɛfiri sɛ Sunsum Kronkron no bɛtumi akyerɛ yɛn kwan wɔ yɛn mmɔdemmɔ kann a yɛrebɔ no ho.

“Mo som kronkron dwumadie ma mo akwankyerɛ kronkron,”sɛdeɛ Onuabaa Bonnie H. Cordon, Mmabaawa Amansan Titenani kaaeɛ no. “Mobɛtumi de akokoɔduro ahwehwɛ saa akwakyerɛ no.”1

Sɛ yɛyɛ sɛ yɛbɛsom sɛdeɛ Agyenkwa no yɔɔeɛ no a, Honhom korɔ no a ɔmaa No akwankyerɛ no bɛma yɛn nso akwankyerɛ. Yei yɛ nokorɛ titire berɛ a moredi dwuma, tesɛ ɔsom a bishop nam asɔfodie tumi so de ahyɛ mo nsa. Yei yɛ nsusuiiɛ nsia a monam Honhom no so bɛsom.

Mɛyɛdɛn Anya Honhom no Berɛ A Meresom?

  • Hwehwɛ Akwankyerɛ. Ɔsoro Agya pɛ sɛ yɛ ne No di nkutaho fa mpaebɔ so. Mpaebɔ mma yɛnntwe mmɛn No kɛkɛ, mmom ɛsan de “nhyira a Onyankopɔn ayɛ krado dada pɛ sɛ ɔdema nanso gye sɛ yɛbisa no ansa.”2 “Yɛrebɔ mpaeɛ na yɛate wɔn akoma mu nsɛm ase no,” Onuabaa Cordon se, “Medi adanseɛ sɛ Ɔsoro Agya bɛkyerɛ yɛn kwan na Ne Honhom no bɛka yɛn ho.”3

  • Mɛnntwɛn Kɔkɔbɔ. Boa wo ho sie. Fa “ahopepereɛ hyɛ adwuma pa mu” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 58:27), na mobɛhunu sɛ wɔbɛma mo akwankyerɛ apagya mo mmɔdemmɔ. “Morekɔ moanim wɔ mo som ne adwumayɛ mu yɛ ɔkwan a ɛho hia ma adiyisɛm,” Titenani Dallin H. Oaks, Ɔfotufoɔ a Ɔdi kan wɔ Titenafoɔ a Wɔdikan no mu na ɔseɛ. “Wɔ me twerɛsɛm adesua mu no, mahunu sɛ adiyisɛm dodoɔ no ara ba Onyankopɔn mma hɔ berɛ a wɔreyɛ adwuma, na ɛnyɛ berɛ a wɔde wɔn nsa ahyɛ wɔn dammirifa mu na wɔrehwɛ Awurade anim sɛ ɔnkyerɛ wɔn deɛ wɔnyɛ no kane.”4

Mɛyɛdɛn Ahunu Nkanyan a Mede Bɛsom?

  • Fa Mormon Afotuo no. Ɛho nnhia sɛ yɛtwɛn yɛ nan ase booboo ho sɛ adwene bi yɛ nkanyan anaa sɛ ɛnnyɛ bi. Ɛnnyɛ berɛ a yɛwɔ Mormon safoa a ɛyɛ fo a yɛdehunu adeɛ: Sɛ wonya adwene bi a ɛkanyan wo sɛ yɛ papa na gyedi anaa boa afoforɔ ma wɔnye Kristo nni a, wobɛtumi ahunu sɛ ɛfiri Onyankopɔn hɔ (hwɛ Moroni 7:16).

  • Ɛmma Ɛnnha wo. “Huri tɔ ɔtadeɛ no mu na dware,” Elder Jeffrey R. Holland a ɔka Asomafoɔ Dumienu Kuo no ho na ɔseɛ. “Fa w’ani kyerɛ wɔn a biribi hia wɔn hɔ. Ɛnntena faako nnwene ho sɛ wobɛkɔ w’anim anaa sɛ wobɛkɔ w’akyi. Sɛ yɛdi mfitiaseɛ nkyerɛkyerɛ a wɔakyerɛ no so, di asɔfodie akwankyerɛ so, na yɛhwehwɛ Honhom Kronkron no akwankyerɛ so a, yɛnni nkoguo da.”5

Ɔkwan papa Bɛn so na Yɛnam Di Nkanyan so?

  • Ntɛm pa ara. Sister Susan Bednar (Elder David A. Bednar a ɔka Asomafoɔ Dumienu no ho hokani) yɛ nhwɛsoɔ kɛseɛ wɔ nkanyan ho. Berɛ a ɔbɔɔ mpaeɛ pɛɛ “honhom aniwa a ɔdebɛhunu wɔn a biribi hia wɔn,” akyire yi no, ɔhwehwɛɛ asafomma no mu na ɔtaa “te honhom no nka ɛfa deɛ ɔnkɔ sra no pɔtee anaa ɔmfrɛ no wɔ tetefon so,” Elder Bednar na ɛkyɛɛ yei. “Na sɛ Onuabaa Bednar nya saa atenka no a, ɔtie na ɔdi so. Deɛ ɛteɛ ne sɛ mpaebɔ a ɛtwa toɔ no ‘amen’ siiɛ ara, ɔne ɔbabunu bɛkasa anaa ɔbɛbam onuabaa, anaasɛ ɔduruu fie ara ɔbɛfa tetefon na wafrɛ obi .”6

  • Akokoɔduro so. Ehu sɛ wɔbɛpo yɛn ne fɛreɛ, enni mu, anaasɛ ɛbɛha tumi ka yɛn hyɛ sɛ yɛbɛdi nkanyan a yɛde bɛsom so. “Wɔ mmerɛ ne akwan pii so, yɛn nyinaa dwene sɛ yɛnni mu, yɛnnye nni, anaa sɛ yɛ ho nnte,” Elder Gerrit W. Gong a ɔka Asomafoɔ Dumienu no ho na ɔseɛ. Nanso wɔ yɛn mmɔdemmɔ a gyedie wɔ mu nti sɛ yɛbɛdɔ Onyankopɔn na yɛasom yɛ nua a, yɛbɛte Onyankopɔn dɔ ne nkanyan a ɛhia nka wɔ yɛ ne wɔn abrabɔ mu wɔ ɔkwan foforɔ a ɛkorɔn so.”7

    Onuabarima bi ne yɛn kyɛɛ sɛdeɛ ɔtwɛnn ne nan ase wɔ ɔbaa bi a anka ne kunu pɛɛ sɛ ɔhyɛ akɔmfo. Na akyire yi ɔde okunu no kɔɔ awia adidie. “Berɛ a mekaa sɛ, ‘Anka wo rehyɛ akɔmfo. Anka ɛreyɛ ahyɛ wo so. Wo pɛ sɛ woka ho asɛm?, na ɔsuuiɛ no,” ɔkyɛɛeɛ. “Yɛdii nnamfoɔ ne kokoamu nkɔmmɔ na ɛde ayɔnkofa ne gyedie soronko baa berɛ tiawa bi mu.”8

Atwerɛ.

  1. Bonnie H. Cordon, “Worebɛyɛ Odwanhwɛfoɔ,” Laehona, Obubuo, 2018, 76.

  2. Bible Dictionary, “Mpaeɛ.”

  3. Bonnie H. Cordon, “Worebɛyɛ Odwanhwɛfoɔ,” 76.

  4. Dallin H. Oaks, “Wɔ Ne Berɛ Mu, Wɔ Ne Kwan so,” Laehona, Ɔsannaa 2013, 24

  5. Jeffrey R. Holland, “Fakyɛ Som no,” Laehona, Obubuo. 2018, 77.

  6. David A. Bednar, “Pɛ Ntɛm Hwɛ,” Laehona, Ɔpɛnimma. 2006, 17

  7. Gerrit W. Gong, “Yɛn Gyedie Nsraban Gya,” Laehona Obubuo 2018, 42.

  8. Hwɛ “Worebɛyɛ Odwanhwɛfoɔ,” 76.