2019
Yɛbɛyɛdɛn na Yɛanya Nkabom Amammerɛ wɔ Asɔre mu?
Kitawonsa 2019


ministering

Ɔsom Nkyerɛkyerɛ, Kitawonsa 2019

Yɛbɛyɛdɛn na Yɛanya Nkabom amammerɛ wɔ Asɔremu?

Sɛ yɛhwɛ yɛn ward ne nkorabata mu a, yɛhunu nnipa a asɛ deɛ obiara pɛ wɔn asɛm. Deɛ yɛnnhunu ne sɛ mpo wɔn a ɛyɛ yɛn sɛ obiara gye wɔn to mu no, wɔn mu pii wɔ hɔ a, wɔte nka sɛ wɔyɛ ankonam. Nhwehwɛ mu, nhwɛsoɔ bi, de ato dwa nnansa yi sɛ nnipa a wɔwɔ Amerika mu bɛyɛ sɛ nkyɛmu fa na wɔka sɛ wɔyɛ ankonam, wayi wɔn mu, anaa aka wɔn nkoa.1

Ɛho hia sɛ wobɛte nka sɛ woka ho bi. Ɛyɛ nnipa ahiadeɛ kɛseɛ paa baako, na sɛ obi yɛ ankonam a, ɛɛya. Sɛ wɔyi wo totwene a, ɛtumi de awerɛhoɔ anaa abufuo ba.2 Sɛ yɛnnya atenka sɛ wagye yɛn atom a, ɛma yɛhwehwɛ baabi a yɛbɛnya anika. Ɛhia sɛ yɛboa ma obiara te nka sɛ ɔka Asɔre no ho.

Te sɛ Agyenkwa no

Agyenkwa no yɛ nhwɛsoɔ mapa wɔ sɛ yɛbɛgye afoforɔ atom na wɔn asombo. Berɛ a Ɔfrɛɛ N’asomafoɔ no, Wanhwɛ wɔn diberɛ, sika, anaa wɔn ahonyadeɛ. Na Samariani baa no som ne bo, dii adanseɛ kyerɛɛ no fa Ne kronkron-yɛ ho, ɛmfa ho ne sɛdeɛ Jewfoɔ bu Samariafoɔ animtia (hwɛ John 4). Ɔhwɛ akoma mu na Ɔnyɛ nyinyi mu (hwɛ 1 Samuel 16:7; Doctrine and Covenants 38:16, 26).

Agyenkwa no kaa sɛ:

“Ahyɛdeɛ foforɔ na mema mo, Sɛ monnodɔ mo ho; sɛdeɛ medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho.

“Ɛnam yei so nnipa nyinaa bɛhunu sɛ moyɛ m’asuafoɔ, sɛ mododɔ mo ho a.” (Yohane 13:34–35).

Deɛn na ɛwɔ sɛ Yɛyɛ?

Ɛtɔ da a ɛyɛ den sɛ wobɛhunu sɛ obi te nka sɛ yɛayi no totwene. Nnipa pii nka anyɛ hwee—koraa no ɛnyɛ pefee. Nanso sɛ yɛwɔ ɔdɔ akoma, Honhom Kronkron no ne ɔpɛ sɛ yɛpɛsɛ yɛhunu a, yɛbɛtumi ahunu sɛ obi te nka sɛ wayi no totwene wɔ Asɔre nhyiamu ne dwumadie mu.

Nsɛnkyerɛneɛ a ɛkyerɛ sɛ obi nka ho:

  • Ɔnkeka ne ho, te sɛ wabobɔ ne nsa agu ne ho anaa wasi ne tiri ase.

  • Ɔtena akyire wɔ dan no mu anaa ɔno nkoaa na ɔteɛ.

  • Ɔntaa mma asɔre anaa ɔmma koraa.

  • Yɛmmpɔn asɔre anaa dwumadie no na wakɔ.

  • Ɔnkasa wɔ nkɔmmɔ mu anaa adesua mu.

Yeinom nso bɛtumi akyerɛ biribi foforɔ tesɛ fɛreɛ, ayɛmhyehyeɛ anaa sɛ biribi nkɔ yie. Asɔremma tumi nya atenka “ahodoɔ” berɛ a wɔyɛ foforɔ wɔ Asɔre no mu, firi ɔman foforɔ mu, anaa wakɔ tebea bi a ɛmu yɛ den te sɛ, awaregyaeɛ, ɔdɔfoɔ bi wuo, anaa sɛ ne berɛ anso wɔ asɛmpatrɛ dwuma mu na waba fie.

Ɛmfa ho ne tebea no, ɛnni sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛdɔ wɔn. Deɛ yɛka ne deɛ yɛyɛ bɛtumi ama obi anya atenka sɛ obiara ho hia.

Akwan binom a yɛde bɛgye obiara:

  • Ɛntena nnipa korɔ mu dabiara wɔ asɔre

  • Ɛnhwɛ nnipa no ho anisoɔ nkoa, hwɛ nipa su no ankasa. (For more on this topic, see “Ministering Is Seeing Others as the Savior Does,” Liahona, June 2019, 8–11.)

  • Ɛne afoforɔ mmɔ nkɔmmɔ.

  • Frɛ afoforɔ ma wɔn mmra wabrabɔ mu. Wobɛtumi de wɔn aka dwumadie bi a worehyehyɛ ho.

  • Hwehwɛ na monhyɛ aseɛ wɔ adeɛ a mo nyinaa pɛ.

  • Ɛmpo obi ayɔnkofa esiane sɛ ɔtesɛ deɛ worehwehwɛ nti.

  • Sɛ wohunu biribi sononko wɔ obi mu a, ma ɛyɛ wo anika na twe bɛn no kyɛn sɛ wobɛpo no.

  • Kyerɛ ɔdɔ na bɔ aba so wɔ akoma pa mu.

  • Gye berɛ dwene ho deɛ ɛkyerɛ sɛ yɛka sɛ Asɔre no wɔ hɔ ma obiara a, ɛmmfa ho ne sɛdeɛ yɛteɛ. Kwan bɛn so na yɛbɛtumi ama yei aba mu?

Ɛnna fam saa sɛ wani bɛgye obi a ɔda nso ho. Nanso sɛ yɛtu anammɔn a, yɛbɛtumi ahunu mfasoɔ a ɛwɔm sɛ yɛbɛda nso na y‘ani bɛsɔ afoforɔ adwenkyerɛ. Sɛ deɛ Elder Dieter F. Uchtdorf a ɔka Asomafoɔ Dumienu Kuo ho akyerɛ sɛ, yɛn nsonsonoeɛ tumi boa ma yɛtu mpɔn, nya anigyeɛ: “bra bɛboa yɛn ma yɛn kyerɛ ayaresa, ayemyɛ, ne ahummɔbrɔ nkyerɛ Nyankopɔn mma nyinaa.”3

Ka ho bi na nya nhyira

Christl Fechter tu kɔɔ kuro foforɔ so berɛ a ɔko siiɛ ne kurom no. Na ɔnte kasa no papa na na ɔnim obiara wɔ baabi a wakɔtena no, enti na wayɛ ankonam.

Ɔnyaa akukuduro sɛ Asɔreba na ɔhyɛɛ aseɛ kɔɔ Asɔre ward a ɛbɛn no. Na ɛha no sɛ ne kasa nti ɛnyɛ adeɛ a nnipa bɛpɛ sɛ wɔne no bɛkasa anaa wɔbɛbu no sɛ ɔyɛ osugyani.

Nanso ɔhyiaa afoforɔ binom a wɔn anhwɛ ne nsonoeɛ na wɔgyee no baa wɔn ayɔnkofa mu. Wɔkyerɛɛ no ɔdɔ, na ankyɛ na ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔreboa akyerɛ adeɛ wɔ mmofra mu. Mmofra no yɛɛ nhwɛsoɔpa gyee ne too mu, na atenka a ɔnyaeɛ sɛ wɔdɔ no ho, hiaa no hyɛɛ ne gyedie den na ɛkanyaa no wɔ ne Nyamesom mu.

Atwerɛ.

  1. Hwɛ Alexa Lardieri, “Study: Many Americans Report Feeling Lonely, Younger Generations More So,” U.S. News, May 1, 2018, usnews.com.

  2. Hwɛ Carly K. Peterson, Laura C. Gravens, and Eddie Harmon-Jones, “Asymmetric Frontal Cortical Activity and Negative Affective Responses to Ostracism,” Social Cognitive and Affective Neuroscience, vol. 6, no. 3 (June 2011), 277–85.

  3. Dieter F. Uchtdorf, “Believe, Love, Do,” Liahona, Nov. 2018, 48.