Ɔsom Akwankyerɛ, Ayɛwohommumɔ 2019
Ɔsom yɛ sɛ yɛbɛhu afoforɔ sɛdeɛ Agyenkwa no hu wɔn
Yesu de Ne mmerɛ fa kɛseɛ maa wɔn a na wɔda nso; Ɔhuu deɛ wɔbɛtumi abɛyɛ.
Wɔ yɛmmɔdemmɔ wɔ ɔsom mu no, wɔbɛtumi aka sɛ yɛn nsra obi a ɔda nso wɔ yɛn ho. Wei ma yɛn akwanya sɛ yɛbɛsua na yɛanyini.
Amammerɛ, adesua, sikasɛm, mfeɛ, suban bi a atwam anaa ɛwɔ hɔ sesiaa, anaa nneɛma a ɛma obi da nso no tumi ma yɛbu obi atɛn koraa ansa na yɛahyia no. Saa kanee-atɛmmuo yi yɛ adeɛ a Agyenkwa no bɔ yɛn kɔkɔ wɔ ho (hwɛ 1 Samuel 16:7; Yohane 7:24).
Yɛbɛtumi agyai atɛmmuo na yɛahu afoforɔ sɛdeɛ Agyenkwa no hu wɔn? Kwan bɛn so na yɛbɛtumi asua adɔ afoforɔ sɛdeɛ wɔteɛ ne deɛ wɔbɛtumi abɛyɛ?
Yɛrehwɛ na yɛredɔ
Twerɛkronkron no ka abasɛm bi a ɛfa osikani abranteɛ bi a ɔbisaa sɛdeɛ ɔbɛnya daa nkwa: “Na afei Yesu hwɛɛ no ɔdɔɔ no, na ɔkakyerɛɛ no, aka wo adeɛ baako: kɔ, kɔtɔn deɛ wowɔ nyinaa, na fa ma ahiafoɔ,na wobɛnya adaamudeɛ wɔ soro: na bra,bɛfa wasɛnnua na bɛdi m’akyi” (Marko 10:21).
Berɛ a Ɛlda S. Mark Palmer a ɔka aduoson ho no sua ne twerɛnsɛm mfeɛ bi atwam, abasɛm no fa bi daadi maa no.
“‘Na afei Yesuhwɛɛ no dɔɔ no.’
“berɛ a metee saa nsɛm yi, mfoni sononko baa n’adwene mu a na yɛn Awurade no ato ne bo na ɔrehwɛ saa abranteɛ yi. ɔrehwɛ—kyerɛ sɛ ɔrehwɛ no akɔ ne kra mu, ahu nnepa a ɛwɔ ne mu ne deɛ ɔbɛtumi abɛyɛ, ne deɛ ɛhia no.
“Na afaei asɛm kuma bi—Yesu dɔɔ no. Ɔnyaa ɔdɔ ne tema mapa maa saa abranteɛ yi, na esiane saa ɔdɔ yi ne saa ɔdɔ yi nti, Yesu bisaa adeɛ a ɛso wɔ ne hɔ. Metwaa ho mfoni atenka a saa abranteɛ no bɛnya berɛ a ɔdɔ mapa yi ahyɛ no ma na wɔrebisa no sɛ ɔnyɛ adeɛ a ɛɛden sɛ ɔnkɔ tɔn deɛ ɔwɔ nyinaa na ɔmfama ahiafoɔ. …
“[mebisaa me ho] ‘kwan bɛn so na Kristo dɔ bɛhyɛ me ma ama [afoforɔ] ate Nyankopɔn dɔ nka wɔ me mu na wɔn anya ɔpɛ sɛ wɔbɛsesa?’ Kwan bɛn so na mɛhwɛ [wɔn a atwa me ho ahyia] sɛdeɛ Awurade no hwɛɛ abranteɛ ɔdefoɔ no, mɛhwɛ wɔn wɔ sɛdeɛ wɔteɛ ne deɛ wɔbɛtumi abɛyɛ, kyɛn deɛ wɔn ayɛ anaa wɔn nnyɛɛ? Kwan bɛn so na mɛyɛ tesɛ Agyenkwa no?”1
Sua sɛdeɛ yɛhu afoforɔ
Sɛyɛbɛsua ahu afoforɔ sɛdeɛ Agyenkwa no hu wɔn de nhyira pii ba. Wei yɛ adwenekyerɛ binom a ɛbɛtumi aboa yɛn.
-
hu wɔn
Bɔ mmɔden sɛ wobɛhu afoforɔ a wonnyɛ nhwehwɛ anim. Hunu sɛ ayɔnkofa yɛ adeɛ a ɛgye mmerɛ ne mmɔdemmɔ. (Hwɛ, the August 2018 Ministering Principles article “Building Meaningful Relationships” mu sɛ wopɛ mmoa.) -
Hwehwɛ wo mu
Ma wani nkɔ atɛmmuo a wo yɛ no wotirim no yie. Hwɛ yie wɔ nsusuiɛ a woyɛ wɔ wo tirim fa afoforɔ na bɔ mmɔden sɛ wobɛte aseɛ deɛ nti a wonya saa atenka no. -
Ɛmmu atɛn
Hunu sɛ ɛnnyɛ tebea na ɛkyerɛ onipa so mfasoɔ. Fa wo ho hyɛ wɔn tebea mu na hwɛ sɛdeɛ wobɛpɛ sɛ afoforɔ bɛhu wo wɔ saa tebea no mu. Sɛ yɛyi obi suban ne ne tebea to nkyɛn a ɛbɛtumi aboa yɛn ma yahu no sɛdeɛ anka Agyenkwa no bɛhu wɔn. -
Bɔ mpaeɛ sɛ wobɛdɔ wɔn
Bobɔ wɔn din bɔ mpaeɛ ma wɔn ne abotrɛ a wode bɛfa wɔn yɔnkoɔ. Fa mpaebɔ hwɛ wo som mu. Ɛkwan da deɛ woreyɛ ne deɛ wɔn hia ankasa ntam?
Yesu nyaa nnipa ahodoɔ nyinaa ho berɛ: asikafoɔ, ahiafoɔ, akannifoɔ ne temammufoɔ. Wɔtaai buu no atɛnkyea berɛ a wɔhwɛɛ n’ahosu sɛ ohiani anaa ɔnnyɛ nipa titiri biara. “Ɛberɛ a yɛbɛhu no no, ahoɔfɛ biara nni hɔ a ɛwɔ sɛ yɛhwehwɛ firi ne hɔ. … Wɔ poo no na yɛmmmu no” (Isaiah 53:2–3).
Kristo Anisoadeɛhu
Onuabaa bi kyɛ abasɛm bi fa kwan a ɔsua sɛdeɛ ɔbɛhu afoforɔ wɔ Kristo aniwa mu:
“Julia(wasesa din no) te menkyɛn na asɛ ɔni admfoɔ biara. Da biara na ne bo afu na biribi ha no. Nanso amfa me ho, mesii agyina sɛ mɛfa no yɔnkoɔ. Ɛnyɛ adamfoɔ kɛkɛ, na mmom adamfo papa. Na me ne no kasa berɛ biara mɛhu no na mekyerɛ sɛ medwene ne ho. Nkakrakakra , me ne no faa adamfoɔ, ɛde anigyeɛ baa m’akoma mu.
“Da koro bi, meyɛɛ adwene sɛ mɛsra Julia na m’abisa no sɛnti a ɔmma asɔre bio.
“Mehuu sɛ ɔnni abusua anaa obusuani biara a ɔbɛn no. Ne nuabarima baako a ɔte akyire no, ne no kasa afeafe wɔ tetefon so. Berɛ a meretie no na ɔreka deɛ ɛyɛ ne ya, abufuo, ne ateetee a ɔwɔm wɔ n’abusua ho ne Asɔre no, menyaa tema ne ɔdɔ sononko bi maa onuabaa yi. Metee ne yeaa ne n’ateetee no nka. Mehuu sɛ ɔyɛ ankonam ankasa. Na akɔyɛ te sɛ deɛ metee ɛne ketewa bi wɔ m’akyi sɛ: ‘Me nso medɔ no’ Bu no na dɔ no.’
“Metenaase tie no kɔsi sɛ nanum asɛm saaɛ. Menyaa tema ne ɔdɔ maa no. Wei yɛ onuabaa a onnim sɛdeɛ obi bɛdɔ wo teɛ. Mpofirim ara no metee no aseɛ yie. Medaa n’ase sɛ ɔma me bɛsraa no, na mede atuu gyaa no hɔ a na manya ɔdɔ ne obuo kɛseɛ ama no. Ɔhunu da sɛdeɛ saa nsrahwɛ no kaa m’akoma. Agya a Ɔaɔ Soro abie m’ani na wakyerɛ me sɛ me wɔ ahoɔden a yɛde dɔ wɔ tema kwan so. Masi no pi sɛ me nnyɛ n’adamfo kɛkɛ, na mmom mɛyɛ n’abusua.”
Ɛyɛ ade kronkron sɛ obi bɛfrɛ wo aba n’abrabɔ mu. Sɛ yɛde mpaebɔ, ntoboaseɛ, ne Honhom no mmoa yɔ a, yɛbɛtumi asua wɔ Kristo anisoadeɛhu mu.
© 2018 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintim no wɔ USA Borɔfo Kasa ho Kwan-ma: 6/18. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/18. Translation of Ministering Principles, January 2019. Twi. 15767 503