2019
Yɛrema Ɔsom ayɛ Anigyeɛ
Oforisuo 2019


ministering

Ɔsom Akwankyerɛ, Ɔgyefoɔ 2019

Yɛrema Ɔsom ayɛ Anigyeɛ

Ɔsom a ɔdɔ wɔ mu no de anigyeɛ berɛ ɔsomfoɔ no ne deɛ wɔresom no no.

Ɛtɔda a,anigyeɛ a yɛhwehwɛ wɔ abrabɔ mu no ayɛ te sɛ amirikatuo a ɛni awieɛ. Yɛtu mmirika, tu mmirika nanso yɛte nka sɛ yɛn duruu baabiara yɛ. Ɛbinom hu ɔsom adwuma yi sɛ ɛyɛ adesua foforɔ a wɔde abɛka adesua dada no ho.

Nanso yɛn Soro Agya no pɛ sɛ yɛnya anigyeɛ na waka akyerɛ yɛn sɛ “nnipa wɔ hɔ, sɛdeɛ wɔbɛnya asomdwoeɛ” (2 Nephi 2:25). Agyenkwa no kyerɛɛ sɛ ɔsom yɛ ahiadeɛ wɔ kwan a yɛ ne afoforɔ fa so nya anigyeɛ wɔ abrabɔ mu.

Deɛn ne anigyeɛ?

Nanso yɛn Soro Agya no pɛ sɛ yɛnya anigyeɛ na waka akyerɛ yɛn sɛ “nnipa wɔ hɔ, sɛdeɛ wɔbɛnya asomdwoeɛ.”1 Nna a ɛdi akyire nkɔmhyɛfoɔ ama yɛn ate aseɛ baabi a anigyeɛ wɔ ne sɛdeɛ yɛbɛhu. Titenani Russel M. Nelson aka sɛ “anigyeɛ a yɛnya no mfa tebea a yɛwɔ mu wɔ abrabɔ mu ne botaeɛ a ɛsi yɛn ani so,”… anigyeɛ firi Yesu Kristo mu. Ɔno ne anigyeɛ nyinaa ti.”2

Ɔsom de anigyeɛ ba

Berɛ a Lehi dii nkwa dua aduaba no, “anigyeɛ mmorosoɔ hyɛɛ ne kraa mu ma” (1 Nephi 8:12). Ɔdiikan pɛɛ sɛ ɔne n’adɔfoɔ bɛkyɛ saa aduaba no.

Ɔpɛpa a yɛwɔ sɛ yɛbɛsom afoforɔ no tumi de saa anigyeɛ yi berɛ yɛn ne wɔn. Agyenkwa no kyerɛɛ n’akyidifoɔ sɛ aduaba a yɛso berɛ a yɛ ne No ayɛ baako no boa hyɛ yɛn anigyeɛ ma. (hwɛ Yohane 15:1–11). Sɛ yɛyɛ N’adwuma sɛ yɛbɛsom na yahwehwɛ sɛ afoforɔ bɛba Ne nkyɛn tumi yɛ anigyedeɛ (hwɛ Luka 15:7; Alma 29:9; Apam ne Nkyerɛnkyerɛ 18:16; 50:22). Yɛbɛtumi anya saa anigyeɛ yi mpo wɔ berɛ a yɛwɔ ɔbrɛ ne akwansideɛ mu (hwɛ 2 Corinthians 7:4; Colossians 1:11).

Agyenkwa no yɛɛ nhwɛsoɔ mapa kyerɛɛ yɛn sɛ anigyeɛ kɛseɛ paa wɔ asaase yi so wɔ ɔsom mu. Sɛ yɛde ɔdɔ mapa som yɛnuanom mmaa ne mmarima sɛdeɛ Agyenkwa no yɛɛ no a, yɛtumi nya anigyeɛ mmorosoɔ.

Onuabaa Jean B. Bingham, Amansan Relief Society Titenani kyerɛɛ sɛ “sɛ yɛde akoma pa gye [ɔsom] to mu a, ɛma yɛbɛyɛ tesɛ Sionfoɔ na yɛne wɔn a yɛaboa wɔn wɔ akyidifoɔ kwan so no nya anigyeɛ mmorosoɔ.3

Yɛbɛyɛdeɛn na yama ɔsom ayɛ anigyeɛ?

Kwan ahodoɔ pii wɔ hɔ a yɛfa so nya anigyeɛ wɔ ɔsom mu. Nsusuiɛ kakra bi nie:

  1. Nya ɔsom botaeɛ mu nteaseɛ. Ɔsom wɔ botaeɛ pii. Ne nyinaa mu no, ɛwɔ sɛ yɛn mmɔdemmɔ ne Nyankopɔn botaeɛ yɛ pɛ “sɛ nnipa bɛnya honam a ɛnwu da ne daa nkwa” (Moses 1:39). Berɛ a yɛagye Titenani Russel M. Nelson frɛ ato mu sɛ yɛbɛboa afoforɔ wɔ apam kwan so no, yɛbɛtumi anya anigyeɛ wɔ Nyame adwumayɛ mu.4 (sɛ wopɔ ɔsom ho botaeɛ nsɛm a, hwɛ”ɔsom nkyerɛkerɛ: Botaeɛ a ɛbɛsesa yɛn som,” wɔ Ɔpɛpɔn 2018 Liahona.)

  2. Ɔsom yɛ sɛ yɛbɛdɔ nnipa, nyɛ nneɛma a ɛwɔsɛ yɛyɛ. Na Titenani Thomas S. Monson taai kai yɛn sɛ: “ɛmma ɔhaw ho nhia wo nkyɛn onipa a ɛwɔ sɛ wo dɔ no.”5 Ɔsom yɛ sɛ yɛbɛdɔ nnipa, nyɛ nneɛma a ɛwɔsɛ yɛyɛ. Berɛ a yɛrenyini wɔ ɔdɔ mu tesɛ Agyenkwa no, na anigyeɛ a ɛwɔ afoforɔ som mu nso reyɛ keseɛ wɔ yɛn so.

  3. Ma ɔsom nyɛ wo adeɛ kumaa bi. Titenani M. Russell Ballard, a ɔhwɛ Asomafoɔ Du mienu so sɛ titenani kyerɛɛ yɛn sɛ “ɛnam nneɛma nketewa so na akɛseɛ ba. … Adɔyɛ ne ɔsom nketenkete a yɛyɛ boano ma Soro Agya ho dɔ bɛhyɛ yɛn abrabɔ mu ma, ahofama sɛ yɛbɛyɛ adwuma ama Awurade Yesu Kristo, ne asomdwoeɛ ne anigyeɛ aberɛ biara a yɛbɛyɛ obi mmoa.”6

  4. Yi ateetee firi ɔsom mu. Ɛnyɛ w’adwuma sɛ wobɛyɛ obi nkwagyeɛ ho adwuma. Ɛno wɔ onipa ne Awurade no ntam. Yɛasɛdeɛ ne sɛ yɛbɛdɔ wɔn na yɛaboa wɔn ma wɔn akɔ Yesu Kristo, wɔn Agyenkwa no nkyɛn.

Mɛnnum anigyeɛ a ɛwɔ ɔsom mu

Ɛtɔda a nnipa mpɛ sɛ wɔbɛsrɛ mmoa, nti deɛ wɔn hia ne sɛ yɛbɛsom wɔn. Nanso ɛnyɛ sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ obi kyinkyinee. Ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛsrɛ kwan ansa na yasom obi.

Ɛlda Dieter F. Uchtdorf a ɔka Asomafoɔ Dumienu ho no kaa maame bi a oni kunu a ɔnyaa ntoboro- na ne mma nso nyaa bi. Efie a na ɛhɔ yɛ fɛ no bɛyɛɛ basaa. Na nkukuo ne ntaadeɛ finn ayɛ bebree.

Wɔ berɛ a na watɔbaha no na Relief Society mmaa bɔɔ ne pon mu. Wɔn anka sɛ, “ma yɛn nhu sɛdeɛ yɛbɛboa wo.” Berɛ a wɔhuu tebea no ara na wɔhyɛɛ adwuma aseɛ.

“wɔsiesie hɔ nyinaa maa ɛhɔ yɛɛ fɛ ne han, na wɔfrɛɛ wɔn adamfo bi sɛ ɔnni dwa mmrafie hɔ. Berɛ a wɔ wieɛ wɔn adwuma na wɔdii nkra no, wɔgyaa maame no wɔ anisuo mu—anisɔ ne ɔdɔ ahyɛ no ma.”7

Adɔyɛfoɔ no ne ogyefoɔ no nyinaa nyaa anigyeɛ

Dua anigyeɛ wɔ w’abrabɔ mu

Mpɛn dodoɔ a yɛbɛdua anigyeɛ, asomdwoeɛ ne anisɔ wɔ yɛn abrabɔ mu no, na ɛbɛma yɛn atumi ne afoforɔ a yɛsom no akyɛ. Anigyeɛ firi Honhom Kronkron no hɔ (hwɛ Galatians 5:22 ne Apam ne Nkyerɛkyerɛ 11:13). Ɛyɛ adeɛ bi a yɛbɛtumi abɔ ho mpaeɛ (hwɛ Apam ne Nkyerɛkyerɛ 136:29) na yasrɛ sɛ ɛmmra yɛn abrabɔ mu. Wei yɛ nsusuiɛ kakrabi a ɛbɛma yɛadua anigyeɛ wɔ yɛn abrabɔ mu:

  1. Kan Wo Nhyira. Bu kɔnpɔ hwɛ w’abrabɔ na twerɛ wɔ wo nwoma mu nneɛma a Nyankopɔn de ahyira wo.8 Hwɛ nneɛma pa a atwa wo ho ahyia.9 Ma wadwene nkɔ nneɛma a ɛɛsi w’anigyeɛ ho kwan na twerɛ to hɔ kwan a wobɛfa so asɔ ano. Wɔ saa Yesu Amanehunu berɛ yi, nya berɛ pre twaka wɔ wo ne Agyenkwa no ntam (hwɛ Apam ne Nkyerɛkyerɛ 101:36).

  2. Yɛ ahwɛyie. Sɛ yɛtaa gye berɛ de dwene a, anigyeɛ tumi ba.10 Bɛn na tie deɛ ɛma wo anigyeɛ (hwɛ 1 Chronicles 16:15). Sɛ wobɛtumi ayɛ ahwɛyie a, abɛhia sɛ wobɛtwe wo ho afiri internet ho kakra.11

  3. Ɛmfa wo ho ntoto obiara ho. Waka sɛ ntotoho yɛ anigyeɛ mu owifoɔ. Paul bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ “wɔn a wɔde wɔn ho susu wɔn ho na wɔde wɔn ho toto wɔn ho no, nyɛ nyansafoɔ (2 Corinthians 10:12).

  4. Hwehwɛ wankasa w’adiisɛm. Agyenkwa no kyerɛɛ sɛ: “sɛ mobisa a, mobɛnya adiisɛm mu adiisɛm, nimdeɛ so nimdeɛ, sɛdeɛ mobɛhu ahintasɛm ne asomdwoeɛ nneɛma—deɛ ɛde anigyeɛ ba, deɛ ɛde daa nkwa ba” (Apam ne Nkyerɛkyerɛ 42:61).

Wato nsa afrɛ yɛn sɛ yɛnyɛ so adwuma

Wobɛyɛ deɛn ma anigyeɛ a wo nya wɔ ɔsom mu no akɔ soro?

Atwerɛ.

  1. “Joy,” en.oxforddictionaries.com

  2. Russell M. Nelson, “Joy and Spiritual Survival,” Liahona, Nov. 2016, 82.

  3. Jean B. Bingham, “Ministering as the Savior Does,” Liahona, May 2018, 107.

  4. See Russell M. Nelson, “As We Go Forward Together,” Liahona, April 2018, 4–7.

  5. Thomas S. Monson, “Finding Joy in the Journey,” Liahona, Nov. 2008, 86.

  6. M. Russell Ballard, “Finding Joy through Loving Service,” Liahona, May 2011, 49.

  7. See Dieter F. Uchtdorf, “Living the Gospel Joyful,” Liahona, Nov. 2014, 120–123.

  8. See Henry B. Eyring, “O Remember, Remember,” Liahona, Nov. 2007, 67.

  9. See Jean B. Bingham, “That Your Joy Might Be Full,” Liahona, Nov. 2017, 87.

  10. Dieter F. Uchtdorf, “Of Things That Matter Most,” Liahona, Nov. 2010, 22.

  11. See Gary E. Stevenson, “Spiritual Eclipse,” Liahona, Nov. 2017, 46.