Ɔsom Akwankyerɛ, Ɔbɛnem 2019
Sɛdeɛ yɛdi adanseɛ
Ɔsom yɛ adansedie. Sɛdeɛ ɔsom ayɛ mrɛ nti ama yɛn akwanya sɛ yɛdebɛdi adanseɛ wɔ dɔm mu ne kokoa mu.
Yɛahyɛ apam sɛ “yɛbɛyɛ Nyankopɔn adansefoɔ wɔ adeɛ nyinaa mu, aberɛ nyinaa ne beaɛ nyinaa mu” (Mosiah 18:9). Adansedie nso yɛ kwan baako a yɛdegyina sɛ adansefoɔ na ɛyɛ kwan kɛseɛ a yɛdefrɛ Honhom Kronkron no ma no ka obi akoma, sesa wɔn abrabɔ.
Titenani M. Russel Ballard, ɔhwɛ Asomafoɔ Dumienu so sɛ titenani aka sɛ “Adanseɛ--adanseɛ ankasa, deɛ ɛfiri Honhom no mu na Honhom Kronkron no si so dua no—sesa abrabɔ,”.1
Nanso adansedie tumi yɛ den ma yɛn mu binom. Ɛte saa esiane sɛ yɛdwene sɛ yɛdi adanseɛ wɔ akɔmkyene ne adansedie da anaa sɛ sɛ yɛrekyerɛ adeɛ nkoa. Wɔ nhyiamu a ɛtesaa mu no, yɛwɔ nsɛmfua binom a yɛtaa ka nanso ɛnhyɛda nyɛ dɛ wɔ yɛn nkɔmmɔdie mu.
Adansedie bɛtumi ayɛ nhyira ama afoforɔ ne yɛn abrabɔ sɛ yɛnya nteaseɛ sɛ ɛyɛ adeɛ ketewa bi sɛyɛbɛka yɛn gyidie wɔ yɛn nkɔmmɔdie mu. Yeinom yɛ adwenkyerɛ kakra a wobɛtumi de ahyɛ aseɛ:
Ɛmma no nyɛ kyenkyenee
Ɛnhia sɛ wobɛka nsɛmfua te sɛ, “mepɛsɛ medi m’adanseɛ,” hyɛ aseɛ na ɛwie sɛ, “Wɔ Yesu Kristo din mu, amen. Adanseɛ yɛ deɛ yɛgyedi na yɛnim sɛ ɛyɛ nokorɛ. Nti sɛ wo kɔ sra wadamfo a ɔwɔ ɔhaw wɔ kwan ho na wo kakyerɛ no sɛ, “menim sɛ Nyankopɔn yɛ mpaeɛbɔtiefoɔ,” Tumi no nni kasadɛ mu; ɛfiri Honhom Kronkron no a ɛsi nokorɛ so dua mu.( Hwɛ Apam ne Nkyerɛkyerɛ 100:7–8).
Fa hyɛ nkɔmmɔdie no mu kama
Sɛ yayɛ krado sɛ yɛbɛkyɛ a, akwanya pii atwa yɛn ho ahyia sɛ yɛbɛdi adanseɛ wɔ yɛn daadaa nkɔmmɔdie mu. Nhwɛsoɔ:
-
Sɛ obi bisa wo sɛ nnawɔtwe awieɛ no kɔɔ sɛn a. Wo yi ano, “Na ɛyɛ.” “na deɛ me hia a ne Asɔre.”
-
Sɛ obi te wo haw na ɔkyerɛ tema ma wo sɛ: “kosɛ paa.” Wogye so sɛ: “Meda wo ase. Menim sɛ Nyankopɔn de me bɛfa mu. Wayɛ bi ama me pɛn.”
-
Sɛ obi kasɛ: “Megyedi sɛ ɛnkyɛ ɛwiem bɛsesa,” anaa “Lɔɔre no akyɛ,” anaa “Hwɛ sɛdeɛ kwan mu akye. wo bɛtumi ayi ano sɛ: “Megyedi sɛ Nyankopɔn bɛma biribiara akɔ yie.”
ka wo suahunu
Yɛtaa ne afoforɔ di nkɔmmɔ fa yɛn haw ho. Sɛ obi ka ne haw a ɔrekɔ mu kyerɛ wo a, wo bɛtumi ne no akyɛ berɛ a Nyankopɔn boa wo wɔ ɔhaw mu na di adanseɛ sɛ wonim sɛ Ɔbɛtumi aboa ɔno nso. na yei na mɛyɛ ama moagyina sɛ adansefoɔ ama me “daakye, na ama mo ahunu nokware no sɛ me, Awurade Nyankopɔn, mesera me nkurɔfoɔ wɔ wɔn amanehunu mu” (Mosiah 24:14). Yɛbɛtumi agyina sɛ N’adansefoɔ berɛ a yɛbɛka deɛ Waya aboa yɛn berɛ a na ɛɛden mu.
Siesie wo ho.
Yɛn mu bi wɔ hɔ a, adansedie wɔ berɛ a yɛn ani nna so no yɛ yɛn den. Kwan wɔ hɔ a yɛbɛtumi de asiesie yɛn ho ato hɔ na yayɛ krado sɛ yɛbɛyi obiara a ɔbɛbisa sɛnti a yɛwɔ anidasoɔ ano” (1 Petro 3:15).
Ɛdikan, sɛyɛbɛsiesie yɛn ho tumi kyerɛ sɛ yɛbɛhwɛ yɛn abrabɔ mu. Yɛn abrabɔ yɛ tenenee abrabɔ a ɛfrɛ Honhom Kronkron ba yɛn abrabɔ mu ma ɛhyɛ yɛn adanseɛ den anaa? Yɛma Honhom no akwanya sɛ ɔbɛkasa akyerɛ yɛn na wama yɛn nsɛm a yɛhia wɔ mpaeɛbɔ ne twerɛsɛm sua mu? Sɛdeɛ Awurade kakyerɛɛ Hyrum Smith no, “Ɛnhwehwɛ sɛ wobɛka m’asɛm, na mom hwehwɛ sɛ wobɛsua m’asɛm , na wotɛkrɛma bɛyɛ ha” (Apam ne Nkyerɛkyerɛ 11:21).
Ɛtɔso mienu, ahosiesie no tumi yɛ sɛ yɛbɛhwɛ anim na yadwene akwanya a yɛbɛnya wɔ da no anaa nnawɔtwe no mu de adi adanseɛ. Wo bɛtumi asiesie wo adwene kwan a wo bɛnya de akyɛ wo gyedie.
Gyina Agyenkwa no ne Ne Nkyerɛkyerɛ so.
Titenani Ballard akyerɛ sɛ, “Ɛwom sɛ yɛwɔ adanseɛ fa nneɛma pii ho sɛ asɔremma nanso, nokorɛ binom wɔ hɔ a ɛwɔ sɛ yɛkyerɛ yɛn ho-yɛn ho na yɛkyɛ no aberɛ biara.” Nhwɛsoɔ a ɔmaaɛ: “Nyankopɔn yɛn Agya na Yesu ne Kristo no. Nkwagyeɛ nhyehyɛɛ no fapem ne Agyenkwa no Mpata no Joseph Smith na ɛnam ne so ma Yesu Kristo daapem asɛmpa no asan aba, na Mormon Nwoma no ne adanseɛ a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ nokorɛ.” Berɛ a yɛreka deɛ yɛnim wɔ yakoma mu sɛ ɛyɛ nokorɛ no, yɛto nsa frɛ Honhom no ma no di adanseɛ sɛ deɛ yaka no yɛ nokorɛ. Titenani Ballard sii so dua sɛ “wɔntumi nsi Honhom no kwan sɛ, yɛdi Kristo ho adanseɛ krogee a.”2
Agyenkwa no Nhwɛsoɔ
Berɛ a na w’aberɛ firi Samaria no, Agyenkwa no gyee n’ahome kakra wɔ abura bi ho a Ɔhyiaa ɔbaa bi. Ɔhyɛɛ nkɔmmɔ faa nsuo a wɔsa firi abura no mu. Ɔde daadaa adwuma a na ɔbaa no reyɛ no maa Yesu akwanya de dii adanseɛ faa nkwa nsuo ne daa nkwa a ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔgye No di. (hwɛ John 4:13–15, 25–26).
Adansedie kumaa bi tumi sesa abrabɔ
Titenani Russell M. Nelson aka ‘nurse’ bi a ɔbisaa no asɛm sɛ Dokotani berɛ a wɔwiee adwuma bi a na ɛɛden. “Adɛn nti na wo ntesɛ dɔkotafoɔ a aka no?” Dɔkotafoɔ binom a ɔnim wɔn no wɔ abufuo na wɔka kasa fin wɔ wɔn adwumayɛ a ɛmu yɛ den mu.
Anka Dɔkota Nelson bɛtumi ayi ano wɔ kwan ahodoɔ pii so. Nanso ɔyii ano sɛ, “Ɛfiri sɛ menim sɛ Mormon Nwoma no yɛ nokorɛ.”
Ne mmuaɛ no kaa ‘nurse’ni no ne ne kunu ma wɔn kenkan Mormon Nwoma no. Akyire no Titenani Nelson bɔɔ ‘nurse’ ni no asu. Mfeɛ kakra akyi, wɔ Tennessee, USA stake nhyiamu bi a na ɔno ne titenani berɛ a na wɔfrɛɛ no sɛ Ɔsomani nkyɛɛ, Titenani Nelson ne ‘nurse’ni no hyiaaɛ a na n’ani nna so. Ɔkaa sɛ ɛnam n’adanseɛ kumaa no ne tumi a ɛwɔ Mormon Nwoma no mu na ɛmaa no sakraaɛ, na ɛnam so maa nnipa 80 nso sakraaɛ.3
Wato nsa afrɛ yɛn sɛ yɛnyɛ so adwuma
Mɛnsuro sɛ wobɛdi w’adanseɛ. Ɛbɛtumi ahyira wɔn a wo som. Kwan bɛn so na wode adwenkyerɛ yi anaa wankasa wo deɛ bɛdi wadanseɛ ɛnɛ?
© 2018 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintim no wɔ USA Borɔfo Kasa ho Kwan-ma: 6/18. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/18. Translation of Ministering Principles, March 2019. Twi. 15764 503