Ɔsom Akwankyerɛ, Ɔgyefoɔ 2019
Sɛyɛbɛnya Tema de Asom
Ɔsom yɛ mpagya. Yɛbɛtumi apagya afoforɔ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛte wɔn haw aseɛ na sɛ yɛwɔ ɔpɛpa sɛ yɛne wɔn bɛfam a.
Ɛsiane sɛ yɛn Soro Agya pɛ sɛ yɛbɛyɛ tesɛ Ɔno nti, ɔhaw a yɛfam wɔ abrabɔ mu no bɛtumi ayɛ asuadeɛ ama yɛn sɛ yɛbɛgye No adi na yatena kwan pa no so a. Nanso, kwan no so tena tumi yɛ den titiri berɛ a yɛte nka sɛ yɛn nkoa na yɛɛfa ɔhaw mu.
Nanso ɛni sɛ yɛn nkoa fa ɔhaw mu. Agyenkwa no nyaa tema mapa, Ɔbrɛɛ ne ho ase hyɛɛ adeɛ nyinaa aseɛ sɛdeɛ Ɔbɛtumi asɔ wɔn a wɔwɔ ahokyerɛ ne ahohiahia mu (hwɛ Alma 7:11–12; Doctrine and Covenants 122:8). Ɔhwehwɛ sɛ yɛn nyinaa bɛdi Ne nhwɛsoɔ akyi anya tema. Asɔreba biara ahyɛ apam sɛ “wɔne wɔn a wɔresu bɛsu, aane, na wɔbɛkyekyere wɔn a wɔhia awerɛkyekyerɛ werɛ.Mosiah 18:9 Wɔ yɛn haw nyinaa mu no, yɛsua wɔ twerɛsɛm mu sɛ yɛn mmoa na “yɛn pagya nsa a ɛwɔ fam, na yɛnhyɛ kotodwe a ayɛ merɛ mu den” na “ nya kwan pa ma wanammɔn sɛdeɛ abubuafoɔ mfi so” (Hebrews 12:12–13; Isaiah 35:3–4; Doctrine and Covenants 81:5–6).
Sɛ yɛsɔ afoforɔ nsa a, moma wɔn ntwere yɛn, na yɛne wɔn nnante, yɛmmoa wɔn ma wɔn ntena kwan pa no so ntwɛn Agyenkwa no--ɔsom ho botaeɛ kɛseɛ paa baako—na ɔbɛsa wɔn yareɛ nso (hwɛ Doctrine and Covenants 112:13).
Deɛn ne tema
Tema yɛ sɛ yɛbɛte obi atenka, n’adwene ne ne tebea aseɛ kyɛn yɛn nsusuiɛ.1
Sɛyɛbɛnya tema ho hia paa wɔ afoforɔ som mu sɛdeɛ yɛbɛtumi ayɛ yɛasɛdeɛ sɛ anuanom. Ɛma yɛn tumi de yɛn ho hyɛ obi mpaboa mu.
Sɛwobɛnante obi mpaboa mu
Abasɛm bi wɔ hɔ a ɛfa ɔhoteɛni barima bi a na ɔfɛre adeɛ a na ɔtaa tena asɔre dan no akyi. Berɛ a barima bi wuuiɛ no, ɔhwɛfoɔ no bɔɔ mpaeɛ hyiraa n’abusuafoɔ. Relief Societyfoɔ brɛɛ no aduane. Ayɔnkofoɔ ne adɔfoɔ bɛsraa abusua no na wɔkaa sɛ, “biribi wɔ hɔ a yɛbɛtumi ayɛ ama mo anaa.”
Nanso berɛ a barima fɛrefoɔ yi kɔɔ hɔ no, ɔbɔɔ dɔn no na berɛ okunafoɔ no biee dan no, ɔkaa sɛ, “maba sɛ mebɛpepa wo mpaboa ho.” Wɔ dɔnhwere kumaa bi mu no, ɔpepaa abusua no mpaboa nyinaa ho a wɔde bɛkɔ ayie. Kwasiada a ɛdi akyere no abusua no nyinaa bɛtenaa papa no nkyɛn wɔ akyere hɔ.
Wei yɛ nipa bi a ɔtumi yɛɛ adeɛ bi a obiara anyɛ. Wɔn nyinaa nyaa nhyira wɔ ne tema-som no mu.
Mɛyɛ dɛn na m’anya tema?
Ɛbinom wɔ hɔ a asɛ wɔde tema adom wɔn. Nanso wɔn a wɔɔbrɛ ho no, asɛmpa wɔ hɔ ma mo. Bɛyɛ mfeɛ 30 nie no, nhwehwɛmufoɔ pii na asua adeɛ fa tema ho. Ɛwom sɛ ɛsono kwan a obiara fa so deɛ, nanso wɔn nyinaa gyetum sɛ tema yɛ adeɛ bi a yɛbɛtumi asua.2
Bɔ mpaeɛ sɛ wobɛnya tema. Ɛbɛboa sɛ yɛbɛsua tema ho adeɛ ne n’akwan sɛdeɛ yɛbɛtu mpɔn wɔ mu. Deɛ ɛdidi soɔ yi yɛ nneɛma a wagye ato mu sɛ ɛkyerɛ tema.3 Wei yɛ adeɛ a ɛda adi mpɛn pii a yɛn ani ni so sɛ ɛrekɔ so, nanso sɛ yɛhu a ɛboa ma yɛhwehwɛ akwanya a yɛdebɛtu mpɔn.
1. Teaseɛ1.
Tema hia sɛ yɛbɛnya nteaseɛ wɔ ɔfoforɔ bi tebea ho. Sɛ yɛte wɔn tebea aseɛ yie a, ɛma yɛte wɔn atenka aseɛ ne deɛ yɛbɛtumi ayɛ de aboa.
Ɛhia sɛ yɛbɛtie wɔn, abisa nsɛm, na yɛne wɔn ne afoforɔ adwene afa ho yɛ ahiadeɛ paa sɛ yɛbɛte wɔn tebea aseɛ yie. Sua nsɛm pii fa wei ho wɔ Ɔsom Nkyerɛkyerɛ a atwam no mu:
-
“Five Things Good Listeners Do,” Liahona, June 2018, 6.
-
“Counsel about Their Needs,” Liahona, Sept. 2018, 6.
-
“Involve Others in Ministering—as Needed,” Liahona,Oct. 2018, 6.
Berɛ a yɛpɛ sɛ yɛnya nteaseɛ no, ɛwɔ sɛ yɛnya ntoboaseɛ te obiara aseɛ esiane sɛ ɛsono obiara ne ne tebea. Anyɛ saa, ɛma yɛn yera na yɛgya wɔn hɔ a yɛante wɔn aseɛ.
2. Susu ho
Berɛ a yɛɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛdi yɛn apam so sɛ yɛbɛkyekyere wɔn a wɔn werɛ aho werɛ no, yɛbɛtumi abɔ mpaeɛ sɛ Honhom Kronkron no bɛboa yɛn ma yɛate afoforɔ atenka aseɛ ne sɛdeɛ yɛbɛtumi aboa wɔn.4
Sɛ yɛte afoforɛ tebea aseɛ a, yɛbɛtumi—de yɛn ho ahyɛ nipa korɔ no tebea mu—na yɛadwene sɛdeɛ ɛteɛ fa. Sɛ yɛte afoforɔ atenka aseɛ na Honhom Kronkron no ka yɛn ho a, yɛbɛtumi aboa asɔ ano
Sɛ yɛte afoforɔ tebea aseɛ na yɛdwene atenka a wɔn refa mu a, ɛbɛhia sɛ yɛn mmu wɔn atɛn (hwɛ Matthew 7:1). Sɛ yɛyɛ mfeefee mu frenkyem wɔ ɔbi tebea mu a, ɛmma yɛn nte onipa no yeaa a ɔɔkɔ mu.
3. Mmuaeɛ
Sɛdeɛ yɛyi ano hia esiane sɛ ɛno na ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ tema. Kwan ahodoɔ pii wɔ hɔ a yɛbɛtumi ama obi ate yɛn aseɛ wɔ kasa ne nneyɛɛ mu. Ɛhia sɛ wobɛkai sɛ ɛnyɛ yɛn botaeɛ ne sɛ yɛbɛsɔ ɔhaw no ano. Mpɛn pii no botaeɛ no ne sɛ yɛbɛpagya wɔn na yama wɔn ahu sɛ wɔnyɛ ankonam. Ɛno bɛtumi akyerɛ sɛ woreka sɛ, “ɛyɛ me anisɔ sɛ waka akyerɛ me “ anaa “kosɛ, Ɛbɛyɛ ya.”
Ɛwɔ sɛ yɛn mmuaɛ no yɛ nokorɛ aberɛ biara. Na sɛ ɛho bɛhia a, wo bɛtumi ama wɔn ahu sɛ wo nso wɔ sintɔ ne merɛyɛ sɛdeɛ ɛbɛma wɔn aka abɛn wo.
Wato nsa afrɛ yɛn sɛ yɛnyɛ so adwuma
Berɛ a woresom no, fa wo ho hyɛ wɔn a wo som no tebea mu na hwɛ sɛ ɛdeɛn na anka wobɛhia paa. Bɔ mpaeɛ sɛ wobɛte wɔn aseɛ na di so. Wo mmuaɛ bɛtumi ayɛ ketewa, nanso nteaseɛ bɛwɔ mu.
© 2019 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintim no wɔ USA. Borɔfo Kasa ho Kwan-ma: 6/18. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/18. Translation of Ministering Principles, February 2019. Twi. 15763 503