2019
Botaeɛ a Ɛbɛ Sesa Sɛdeɛ Yɛsom
Ɔpɛpɔn 2019


ministering

Ɔsom Akwankyerɛ, Ɔpɛnimaa 2018

Botaeɛ a Ɛbɛ Sesa Sɛdeɛ Yɛsom

Ɛwom sɛ botaeɛ pii wɔ ɔsom mu nanso ɛwɔ sɛ ɛyɛ yɛn akoma so adeɛ sɛ yɛn som bɛboa afoforɔ ma wɔn asakra yie na wɔn abɛyɛsɛ Agyenkwa no.

Sɛ yɛdɔ afoforɔ sɛdeɛ Agyenkwa no dɔ a, yɛbɛboa wɔn sɛdeɛ Ɔyɛɛ no.

Ɔno ne nhwɛsopa kɛseɛ paa ma yɛn wɔ ɔsom mu sɛ Odwanhwɛfoɔ pa no. Wɔ yɛn anammɔntuo mu sɛ yɛɛsua No no, ɛhia sɛ yɛbɛkai sɛ Ne mmɔdemmɔ sɛ Ɔbɛdɔ, apegya, asom na w’ahyira no ho wɔ daapem botaeɛ. Nokorɛ sɛ na Ɔnim wɔn daadaa ahiasɛm na na Ɔwɔ tima ma wɔn yeadie. Nanso na Ɔpɛsɛ ɔboa wɔn boro wɔn ahiasɛm ɛnɛ so (hwɛ John 4:13–14). Na Ɔpɛsɛ wɔn a wɔwɔ ne ho nyinaa di na kyi (hwɛ Luke 18:22; John 21:22), hu No (hwɛ John 10:14; Doctrine and Covenants 132:22–24), na wɔduru wɔn ponponsoɔ kronkron (hwɛ Matthew 5:48). Ɛnɛ nso saa na ɛteɛ (hwɛ Doctrine and Covenants 67:13).

Akwan ahodoɔ pii wɔ hɔ a yɛbɛtumi afa so ahyira afoforɔ, nanso sɛ yɛbotaeɛ ne sɛ yɛbɛboa afoforɔ ma wɔn ahu Agyenkwa no a, na ɛkyerɛ sɛ ɛberɛ bi bɛba no yɛn nkyerɛ obiaa fa Awurade no ho esiane sɛ yɛn nyinaa bɛ hu no (hwɛ Jeremiah 31:34).

Na Agyenkwa no botaeɛ no boro ɛnɛ pɛ ahiadeɛ so

  • Nnipa bi nom faa deɛ ɛɛden mu de wɔn adamfo brɛɛ Yesu sɛ Ɔnsa no yadeɛ. Agyenkwa no saa no yadeɛ nanso, na Ɔwɔ ɔpɛ sɛ Ɔde ne bɔne bɛkyɛ no nso (hwɛ Luke 5:18–26).

  • Berɛ a wɔde ɔbaa dwamanfoɔ no brɛɛ Agyenkwa no, Ɔgyee ne nkwa berɛ a wammu ne fɔ. Nanso na Ɔpɛ sɛ Ɔgye no nkwa honhom mu nso, nti Ɔkakyerɛɛ no sɛ “kɔ na mɛnyɛ bɔne bio” (hwɛ John 8:2–11).

  • Mary ne Martha soma kɔɔ Yesu hɔ sɛ Ɔmɛsa n’adamfo Nazarus yadeɛ. Yesu a na wasa nnipa pii yadeɛ no ankɔduru Lazarus nkyɛn ntɛm kɔsi sɛ owuiɛ. Na Yesu nim deɛ abusuafoɔ no rehwehwɛ nanso Ɔnyanee Lazarus firii owuo mu no hyɛɛ wɔn adanseɛ den wɔ ne mu (hwɛ John 11:21–27).

Nhwɛsoɔ bɛn na wo nso bɛtumi de aka ho?

Deɛn na ɛwɔ sɛ Yɛyɛ?

Sɛ yɛn botaeɛ ne sɛ yɛbɛboa afoforo ma wɔn abɛyɛ tesɛ Agyenkwa no a, ɛbɛ sesa sɛdeɛ yɛsom. Wei yɛ akwan a saa nteaseɛ yi bɛtumi aboa yɛn wɔ yɛn som mu.

Nsusuiɛ 1: ma twaka nna ɔsom ne Agyenkwa no ntam.

Yɛn mmɔdemmɔ sɛ yɛbɛyɛ deɛ ɛyɛ no nyinaa yɛ, nanso yɛbɛtumi asom akyen saa sɛ yɛde yɛn som no bata Agyenkwa no a. Nhwɛsoɔ, sɛ abusua a wo som no yare a, aduane bɛboa wɔn nanso wɔn anigyeɛ bɛyɛ mmɔho sɛ wo tumi di adanseɛ fa Agyenkwa no dɔ ho a. Wɔn ani bɛsɔ sɛ wobɛboa wɔ mfikyere asiesie, nanso ɛbia na asɔfodie tumi mu nhyira bɛsom bo akyɛn ɛno.

Ɛlda Neil L. Andersen a Ɔka Asomafoɔ Dumienu ho aka sɛ: “Onipa a ɔwɔ akoma pa bɛtumi aboa obi ama no ahyɛ ne kɔba, de obi akɔ ayaresabea, de obi akɔ didi, anaa wobɛsere akyerɛ obi na ahyɛ ne nkuran.

“nanso obiara a odi mmransɛm a ɛdikan so no de ɔsom nnwuma a ɛhia yi bɛka ho.”1

Nsusuiɛ 2: ma w’ani nkɔ apam kwan no so

Berɛ a Titenani Russell M. Nelson ne asɔremma kasaa deɛ ɛdikan no, Ɔkaa sɛ, “Nante apam kwan no so” Apam hyɛ ne ɛso die “bɛbue honhom mu nhyira ne akwanya biara ama yɛn.”2

Sɛ yɛyɛ Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ no, wabɔ yɛn asu, agye yɛn ato mu, na wama yɛn Honhom Kronkron akyɛdeɛ no. Mmarima a wɔn ho teɛ nya asɔfodie tumi no. Yɛkɔ tɛmpol kɔgye yɛn nhyira na yɛka yɛn abusua bom afebɔɔ. Saa nkwagyeɛ ayɛyɛdeɛ yi ne ɛho apam no hia ma yɛn sɛ yɛbɛtumi ayɛ tesɛ Ɔno na yɛ ne No atena a.

Yɛbɛtumi adi dwuma hia wɔ afoforɔ abrabɔ mu aboa wɔn wɔ apam kwan no so na wɔn asiesie wɔn ho nso ahyɛ daakye apam nso.3 Kwan bɛn so na wobɛboa afoforɔ anaa abusua bi ma wɔn ayɛ ayɛyɛdeɛ a wɔn hia no? Wei bɛtumi ayɛ sɛ woreboa agya bi ma wasiesie ne ho abɔ ne babaa asu, wobɛkyerɛ nhyira a ɛwɔ apam mu, anaa wobɛkyɛ kwan a wɔbɛnya honhom mu suahunu berɛ a wɔrefa adidi kronkron no.

Nsusuiɛ 3: to nsa frɛ na hyɛ nkuran

Sɛ kwan ba mu a, tu wɔn a wosom no fo fa wɔn nsakraeɛ ho ne sɛdeɛ wɔbɛyɛ te sɛ Kristo. Ma wɔn nhu nnepa a wo hu wɔ wɔn mu. Bisa wɔn deɛ wɔn te nka sɛ wɔhia mpuntuo wɔ mu na mo nni nkɔmmɔ mfa kwan a wobɛtumi aboa. (Sɛ wo pɛ nsɛm pii afa afutuo ho wɔ ɔsom mu a, hwɛ “Counsel about their Needs,” Liahona, Sept. 2018, 6–9.)

Ɛnsuro sɛ wobɛto nsa afrɛ wɔn sɛ wɔn nni Agyenkwa no akyi na Ɔmoa wɔn ma wɔn nnu mpɔnpɔnsoɔ kronkron. Saa ɔfrɛ yi bɛtumi asesa abrabɔ, sɛ yɛma wɔn hu sɛ yɛgye wɔn di ne yɛn gyidie wɔ Awurade mu.

Ɛkwan nsia a yɛbɛtumi afa so aboa afoforɔ akɔ Kristo nkyɛn

Deɛ ɛdidisoɔ yi yɛ nsusuiɛ a ɛboa afoforɔ ma wɔn tu mpɔn kɔ anim wɔ apam kwan no so. (hwɛ Preach My Gospel, chapter 11,

  1. Kyɛ: Nya nyinasoɔ ne akokoduro ne afoforɔ nkyɛ sɛdeɛ Agyenkwa no aboa wo berɛ a worebɔ mmɔden atwe abɛn No sɛ wobɛdi asɛmpa no nkyerɛkyerɛ so.

  2. Nhyira bɔhyɛ: Nnipa hia nyinasoɔ bi a ɛmu ɛɛduru de asesa kyɛn sɛ wɔn nsesa. Sɛyɛkyerɛ nhyira a ɛbata anammɔnpa biaa ho a, ɛtumi hyɛ nkuran kɛseɛ (hwɛ Doctrine and Covenants 130:20–21).

  3. To nsa frɛ: Sɛyɛdi asɛmpa no nkyerɛkyerɛ so a ɛma yɛn adanseɛ a ɛyɛ nokorɛ (hwɛ John 7:17) na ɛde nsakraeɛ mapa ba.4 Nkɔmmɔ biara ayɛbɛdi no, yɛbɛtumi ato nsa afrɛ obi sɛ ɔnyɛ biribi a ɛbɛboa no ma watu mpɔn.

  4. Mo nyɛ nhyehyɛɛ mmom: Deɛ na ɛwɔ sɛ ɛsi ansa na wɔn atumi adi wɔn agyinaɛsie so sɛ wɔbɛsesa? Kwan bɛn so na mɛtumi aboa? Ɛmerɛ da ho anaa?

  5. Mmoa: Ɛho bɛhia sɛ yɛbɛhyehyɛ ayɔnkofa a yɛbɛtumi aboa ɔfoforɔ ma no adi nkunim. Yɛn nyinaa hia nkuranhyɛni.

  6. Di akyire Ka wo mpontuo berɛ ano berɛ ano Ɛmpaaba wɔ w’anammɔntuo mu nanso wobɛtumi asesa no kakra. Nya ntoboaseɛ, ko kɔ wanim, na nya nkuranhyɛ. Nsesaeɛ di mmerɛ

Wato nsa afrɛ yɛn sɛ yɛnyɛ so adwuma

Susu kwan a wofa so som—kwan ketewa ne kɛseɛ--bɛtumi aboa afoforɔ ma wɔn abɛyɛ tesɛ Agyenkwa no.

Atwerɛ.

  1. Neil L. Andersen, “A Holier Approach to Ministering” (BrighamYoung University devotional, Apr. 10, 2018), 3, speeches.byu.edu.

  2. Russell M. Nelson, “As We Go Forward Together,” Liahona, Apr. 2018, 7.

  3. See Henry B. Eyring, “Daughters in the Covenant,” Liahona, May 2014, 125–28.

  4. See David A. Bednar, “Converted unto the Lord,” Liahona, Nov. 2012, 106–109.