Bosome, bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkrasɛm, Ahinimer 2026
Wo Mfomsoɔ Akyi—Akɛseɛ no Mpo
Yɛbɛtumi asua pii afiri Petro hɔ afa Agyenkwa no, Ne Mpata, ne mmɔden a yɛbɔ bio ho.
Peter’s Denial, ɛfiri Carl Bloch hɔ
Yɛn mu dodoɔ no ara ayɛ anyɛ koraa no, nkaeɛ baako a yɛnyaeɛ a anka ɛnni hɔ forget. Sɛ ɛyɛ aniwuo berɛ bi mu, honam fam akwanhyia a ɛyɛ yea, anaa akyinnyeɛ a wokaa nsɛm a wonyaeɛ a anka wobɛtwe asan, mmerɛ pii wɔ abrabɔ mu a “yɛ no bio” anaa mpo “popa” bɔtwom bi te sɛ nea ɛyɛ anigyeɛ kɛse.
Nkɔmhyɛ a ɛyɛ Yea a Aba mu
Na Ɔsomafoɔ Petro yɛ obi a ne ho yɛ anika wɔ Apam Foforɔ mu. Na ɔwɔ gyidie ne akokoɔduro sɛ ɔbɛnante nsuo so akɔ Yesu nkyɛn, nanso berɛ tiawa bi akyi ɔmaa ne suro dii no so nkonim na ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔremem, na ɔfrɛɛ Awurade sɛ ɔmmoa no (hwɛ Mateo 14:28–31). Ynnim Petro abrabɔ mu nsɛm nyinaa deɛ, nanso yɛnim berɛ bi a ɔsuu denneennen.
Aka nnɔnhwere kakraa bi ma wɔkyeree Yesu Kristo no, ɔhyɛɛ nkɔm sɛ Petro bɛpo no mprɛnsa ansa na akokɔ abɔ mprenu. Petro annye nkɔmhyɛ a ɛte saa anni na “ɔkasaa anibereɛ so sɛ, sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wuo mpo a, merempo wo da” (Marko 14:31).
Ampa ara, Agyenkwa no nkɔmhyɛ no baa mu. Esiane ahunahuna ne ehu a na ɛwɔ Agyenkwa no kyere ho nti, Petro dii no huammɔ akokoɔduro so. Petro apo sɛ ɔnim Agyenkwa no mprenu dada akyi, na wɔrehyɛ no ne mprɛnsa so no, “ɔhyɛɛ aseɛ domee na ɔkaa ntam sɛ, mennim onipa a moreka ne ho asɛm yi (Marko 14:71).
Berɛ a akokɔ bɔnee mprenu na Petro kaee Agyenkwa no nkɔmhyɛ no, “ɔsuu pii” (Mateo 26:75).
Nanso ɛnyɛ ɛno ne abasɛm no awieeɛ!
Nsakraeɛ bi baeɛ, afebɔɔ
Firi deɛ yɛbɛtumi asua wɔ twerɛnsɛm no mu nyinaa no, Petro suro no ankyɛn ne Yesu Kristo ho adanseɛ no da. Ɔde akokoɔduro dii Agyenkwa no ho adanseɛ wɔ akwanya biara ɔnya, ɛmfa ho asiane a ɛwɔ hɔ sɛ ɔbɛyɛ saa. Kae sɛ na Petro rekyerɛkyerɛ nkorɔfo a na wɔbɔɔ Yesu Kristo asɛnnua mu nkyɛree! Na asiane no wɔ hɔ ankasa.
Berɛ a Petro saa ɔbarima bi a ɔyɛ obubuafo firi awoɔ mu, na ɔhyɛɛ no sɛ, “Wɔ Nasaretni Yesu Kristo din m sɔre na nantew” (Asomafoɔ Nnwuma 3:6) no, wɔkyeree ɔne Yohane na wɔbisaa no sɛnea ɔyɛɛ saa anwanwadeɛ yi.
Petro de akokoɔduro buaa sɛ, “Mo nyinaa, ne Israel man nyinaa, nhunu sɛ ɛnam Nasaretni Yesu Kristo, a mobɔɔ no asɛnnua mu, a Onyankopɔn anyane no afiri awufoɔ mu din so, mpo ɛnam ne so na ɔbarima yi gyina mo anim wɔ ha.
“Yei ne ɛboɔ a mo adansifoɔ to twenee, a abɛyɛ ntwea so ti. Nkwagyeɛ nni foforɔ biara mu, ɛfiri sɛ edin foforɔ biara nni ɔsoro a wɔde ama wɔ nnipa mu, a yɛnam so bɛnya nkwa” (Asomafoɔ 4:10–12).
Akokoɔduro so mmuaeɛ bɛn ni! Ne ne gyidie ho adanseɛ pefee.
Asomfoɔ a Wɔnyɛ pɛ, a Wɔtumi Som Pɛpɛɛpɛ
Yɛn mu biara bɛyɛ bɔne wɔ abrabɔ yi mu. Ɛmfa ho sɛ yɛabɔ mmɔden pa ara, yɛbɛtɔ sin wɔ yɛn anidasoɔ ne nsusuiɛ ho berɛ ano berɛ ano. Sɛdeɛ Titenani Jeffrey R. Holland (1940–2025),Titenani ma Dummienu Kuo no, kyerɛkyerɛɛ berɛ bi no, “Gye sɛ wɔ Ne Ba a Ɔwoo no Koro a ɔyɛ pɛ no nko ara fam no, nnipa a wɔnyɛ pɛ nko ara na Onyankopɔn ne wɔn ayɛ adwuma pɛn.”
Wo mfomsoɔ ahoroɔ—akɛseɛ no mpo, nkyerɛ anaa nte wo honhom fam bo a wosom so! Esiane sɛ Petro nuu ne ho na Kristo de ne bɔne kyɛɛ no nti, po a ɔpoo Kristo no ansi no kwan sɛ ɔbɛdi adanseɛ akyire yi, akyerɛkyerɛ, na ɔde tumi kɛseɛ atwe akra. Asuafoɔ afoforɔ a wɔyɛɛ bɔne, sakyeraeɛ, na wɔde Kristo mu gyidie kɔɔ so ho nhwɛsoɔ ahoroɔ ahyɛ twerɛnsɛm mu ma.
Satan bɛbɔ mmɔden mmerɛ nyinaa sɛ ɔbɛdaadaa wo sɛ wo mfomsoɔ ahoroɔ no reyɛ kɛse na worentumi nni so da. Bu w’ani gu n’atorɔ so!
Onuabaa Tamara W. Runia, Fotufoɔ a ɔdi Kan wɔ Young Women Amansan Titenafoɔ mu no kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Ɛsɛ sɛ wote yei, enti mɛka saa nsɛm yi kɛse: Wonyɛ nne a ɛwɔ wo tirim anaa mfomso a woayɛ no. Ɛbɛhia sɛ wo nso woka no kɛse. Ka kyerɛ Satan sɛ, ‘Ɛnyɛ nnɛ.’ Fa no to w’akyi.
“Te saa ntweɛ no nka, ahonu kɛseɛ a ɛde wo kɔ w’Agyenkwa nkyɛn, na wohwɛ N’adom sɛ hyɛn w’abrabɔ mu ne wɔn a wodɔ wɔn no abrabɔ mu. Mehyɛ bɔ sɛ, sɛ yɛde akoma a abubu ba Ne nkyɛn wɔ akokoɔduro so a, ntɛm ara na Ɔwɔ hɔ.”
Christus Consolator, ɛfiri Carl Bloch hɔ
Wo Hann Nna wɔ Anim
Easter bere yi, berɛ a woredwennwene Agyenkwa no Mpata no ho yie no, kae sɛ wobɛtumi asakyera na woabɔ mmɔden bio yɛ akyɛdeɛ akɛseɛ a wobɛtumi anya no mu baako. Esiane Yesu Kristo nti, wɔbɛtumi de wo mfomsoɔ a ɛnyɛ koraa no akyɛ wo na afei wɔato agu te sɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn a emu yɛ duru.
Onuabaa Runia akyerɛkyerɛ sɛ: “Agyenkwa no hyerɛn daa kyɛn aniwuo sum no.”
Esiane Yesu Kristo nti, anidasoɔ bɛtumi ahyerɛn kɛse bere nyinaa wɔ w’anim berɛ a wode w’adwene si Ne so.
© 2026 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintimm wɔ USA. Borɔfo kasa mpenesoɔ: 6/19. Nkyerɛaseɛ mpenesoɔ: 6/19. Nkyerɛaseɛ ma Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkrasɛm, Oforisuo 2026. Twi. 20064 503