De ma Mmabunu Ahoɔden
Yɛn Twam Afahyɛ-Adidikronkron no
De ma Mmabunu Ahoɔden Ɔbɛnem 2026


Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkrasɛm, Ɔbɛnem 2026

Eksodos 12

Yɛn Twam Afahyɛ—Adidikronkron no

Adeɛ bi wɔ tete Twam Afahyɛ ne yɛn nnawɔtwe biara sakramente no ntam.

abaayewa

Nkyerɛkyerɛmu firi Alyssa Tallent hɔ

Ansa na tete Israelfoɔ no refiri wɔn nkoasom mu wɔ Misraim no, wɔsee wɔn sɛ wɔnni akwankyerɛ pɔtee a ɛfiri Awurade hɔ so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɔfoɔ desɛefoɔ no bɛkwati, anaasɛ ɔbɛbɔ atra wɔn.(hwɛ Eksodos 12). Wɔfirii Misraim akyi no, Israelfoɔ no dii apontoɔ bi afe biara, a wɔfrɛ no Twam berɛ, sɛ wɔbɛkae sɛdeɛ Awurade gyee n’apam nkorɔfoɔ no.

Nnawɔtwe a ɛtwa toɔ wɔ N’asetena mu no, na Yesu Kristo wɔ Twam Afahyɛ adidie bi ase. Seesei yɛfrɛ saa adidie no Adidie a Ɛtwa toɔ. Agyenkwa no de saa berɛ no kyerɛɛ adidikronkron ayɛyɛdeɛ no, a seesei yɛyɛ no nnawɔtwe nnawɔtwe. (Hwɛ Mateo 26:26–28; Luka 22:19–20; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:77, 79.)

Adekorɔ mmienu a ɛda Twam berɛ a ɛdi kan no, Awurade Adidie a Ɛtwa toɔ a Ɛtwa toɔ, ne nnɛ Adidikronkron a ɛbɛtumi aboa yɛn ama yɛakae yɛn gyeɛ a ɛnam Agyenkwa no so.

aponnwa wɔ Twam Afahyɛ no
Adidie a Ɛtwa Toɔ
Adidikronkron paanoo ne nsuo

Paanoo No

Twam Afahyɛ: Nna nson, Israelfoɔ no dii paanoo a mmɔka nnim (deɛ wɔyɛ no ntɛm so a mmɔreka anaasɛ porɔeɛ nka ho).

Adidie a Ɛtwa toɔ: Yesu Kristo hyiraa na ɔbubuu Twam berɛ paanoo no a mmɔka nnim no, na Ɔde maa asuafoɔ no. Ɔkakyerɛɛ wɔn sɛ wɔnni mfa nkae Ne honam, a na Ɔnim sɛ ɛrenkyɛ ɛbɛbubu na awu nanso ɛbɛsɔre bio.

Adidikronkron: Yɛdi paanoo de kae Yesu Kristo honam.

Yesu Kristo yɛ Nkwa Paanoo Ɛnam Ne Wusɔreɛ no so, yɛn nyinaa bɛnyane afiri nipadua a ɛdi mu, a ɛmporɔ, a enwu da mu. Ɔgye yɛn firi owuo mu.

Adwammaa no Mogya no

Twam Afahyɛ: Na Twam Afahyɛ adwammaa no yɛ adwammaa nini a nkekaawa nni ne mu, a wadi afe. Na wɔkuu no, na wɔde yaawa asɔ ne mogya no. Na wɔde Hyssop (ahaban bi) gu yaawa no mu na wɔde apete mogya no wɔ efie no aponnwa abɔntene. Na wɔde Hyssop (ahaban bi) gu yaawa no mu na wɔde apete mogya no wɔ efie no aponnwa abɔntene.

Adidie a Ɛtwa toɔ: Yesu Kristo de nsa sii Ne mogya ananmu. Ɔka kyerɛɛ N’asuafoɔ no sɛ wɔnnom mfa nkae Ne mogya, a wobɛhwie agu ama wɔn esiane bɔne a wɔde bɛkyɛ nti ne sɛ apam foforɔ no mu fa.

Adidikronkron: Yɛnom nsuo de kae Yesu Kristo mogya.

Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Adwammaa. Wɔhwiee Ne mogya guui berɛ a Ɔhunuu amane maa yɛn bɔne ne mmrɛyɛ. Ne mogya—N’afɔrebɔ—te yɛn ho. Ɔgye yɛn firi bɔne mu.