Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkrasɛm Ogyefuo 2026
Wopɛ Sɛ Wonya Anigyeɛ Kɛse? Nya Anisɔ
Sɛ nsakraeɛ ahyɛ w’asetena mu ma a, aseda bɛtumi aboa wo ma wode w’adwene asi nneɛma pa so na woakɔ so anya anidasoɔ.
Nkyerɛkyerɛmu firi Maggie Stephenson hɔ
“Worennya anigyeɛ kɛse da sen sɛnea w’ani sɔ adeɛ a wowɔ.”
Sɛnea saa asɛm a Elder Gary B. Sabin a ɔka Aduɔson no ho no kyerɛ no, sɛnea w’ani gyeɛ no, ɛfiri sɛnea w’akoma tɔ wo yam wɔ nneɛma ho. Ɛtɔ asom—sɛ wowɔ nkaeɛ a, woretwe adwene asi nneɛma pa so sen sɛ wobɛtwe adwene asi nneɛma bɔne so.
Nanso, ɛnyɛ berɛ nyinaa na asetena kɔ sɛnea wɔayɛ ho nhyehyɛeɛ no. Ebia nsakraeɛ a wonhwɛ anim kwan no bɛma woayɛ basaa, wo werɛ bɛho, anaasɛ w’abam bu kyɛn sɛ anigyeɛ. Nanso sɛ nneɛma yɛ den a, aseda bɛtumi aboa wo ma woakɔ so anya anidasoɔ. Sɔ akwan mmiɛnsa yi hwɛ na mfa aseda kɛseɛ mra w’asetena mu.
1. Hwehwɛ Nneɛma pa
Mpɛn pii no, ɛyɛ den sɛ wobɛnya anisɔ berɛ a wote nka sɛ wonni biribi no. Nanso nhyira bɛn na ebia worebu w’ani agu so ɛnam nea wonni so a wode w’adwene bɛsi so kyɛn nea wowɔ no so?
Berɛ a worehwehwɛ nneɛma pa wɔ w’asetena mu no, berɛ kɔ so no ɛbɛyɛ mmerɛ sɛ wobɛhu.
2. Kyerɛ Anisɔ ma deɛ Ɔde ma no
Sɛ wokan wo nhyira ahodoɔ no a mma wo werɛ mfiri baabi a ɛfiri baeɛ.
Aseda a yɛda Ɔsoro Agya ase wɔ N’akyɛdeɛ ho—a ne Ba no akyɛdeɛ ka ho—bɛtumi ama ɔdɔ ne gyedie a wowɔ wɔ Ne mu no mu ayɛ den. Titenani D. Todd Christofferson, Ofutufoɔ ɔtɔ so Mmienu wɔ Atitenafoɔ a Ɔdikan no mu, nso kyerɛɛ sɛ, “Atenka ne aseda a yɛde ma Onyankopɔn de anigyeɛ foforɔ hyɛ ɔsom mu,” ɛde anigyeɛ ne ahoɔden brɛ wo na ɛboa wo adansedie ma ɛtena hɔ pintinn.
3. Fa W’adwene si Ɔsoro Agya Nhyehyɛeɛ so
Ɛda adi sɛ, aseda a Obɛnya no nkyerɛ sɛ wobɛbu w’ani agu nneɛma a emu yɛ den so wɔ asetena mu anaasɛ wobɛte anigyeɛ nka berɛ nyinaa. Mpo Yesu Kristo tee yea na ɔgye toom (hwɛ Alma 7:11; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 19:18–19). Awerɛhoɔ yɛ owuo fa a ɛfata.
Nanso ɛmfa ho nea ɛbɛba biara no, adeɛ baako nsesa da: Ɔsoro Agya nhyehyɛeɛ a ɛfa mmɔborohunu ho. Awerɛhoɔ ne yea a wonya wɔ asetena mu no nyinaa bɛyɛ nea ɛteɛ esiane Yesu Kristo ne Ne mpata nti (hwɛ Adiyisɛm 21:4).
Elder Dieter F. Uchtdorf a ɔka Asomafoɔ Dummienu Kuo no ho no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ yɛda ase wɔ ahoyera berɛ mu a, ɛnkyerɛ sɛ yɛn ani gye yɛn tebea hodoɔ ho. Ɛkyerɛ ampa sɛ ɛnam gyidie ani so no yɛhwɛ yɛn mprempren nsɛnnenden no akyi.”
© 2026 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintimm wɔ USA Borɔfo Kasa ho kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ma Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkransɛm Ogyefuo 2026. Twi. 19935 503