Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkrasɛm, Ɛbɔ 2025
Yesu Kristo Wɔ hɔ ma Nna Pa Nso
Sɛ nneɛma rekɔ yie a, sɛn na yɛbɛtumi ama yɛn adwene akɔ Agyenkwa no so? Adwenkyerɛ bi nie.
Fa no sɛ adamfoɔ bi ne wo tenaeɛ berɛ a na wɔwɔ ahokyere mu nko ara na wɔtwee wɔn ho berɛ a na wɔwɔ anigyeɛ mu. Ayɔnkofa papa? Ɛnte saa.
Yɛde saa yɛ yɛn Agyenkwa no—yɛhwehwɛ No mmerɛ a ɛmu yɛ den mu na yɛn werɛ firi No mmerɛ pa mu?
Yɛka pii fa sɛdeɛ Yesu Kristo boa yɛn wɔ yɛn mmerɛ a ɛmu yɛ den mu ho, ebia ɛfiri sɛ obiara, wɔ berɛ baako anaa ɔfoforɔ mu, hyia nneɛma a ɛyɛ den.
Nanso nna—nnaawɔtwe anaa mpo mfeɛ binom wɔ hɔ a, sɛ yɛn ti yɛ yie a—na nneɛma rekɔ yie ankasa. Ɛtɔ da a yɛn werɛ firi Agyenkwa no wɔ saa mmerɛ no mu. Mormon Nwoma no mu nkorɔfoɔ yɛɛ saa. Wɔdii yie firii Onyankopɔn nhyira mu mmerɛ kakra nanso awiieɛ no ahomasoɔ nyaa wɔn so nkɛntɛnsoɔ berɛ a wɔn werɛ firii No.
Mmerɛ pa nkyerɛ sɛ afei deɛ yɛnhia Yesu Kristo bio. Yiedie mmerɛ mu ne mmerɛ papa a ɛwɔ sɛ yɛne Agyenkwa no di ahurisie, a yɛn werɛ mfiri No.
Enti sɛn na yɛne Yesu Kristo ne yɛn Agya a ɔwɔ Soro kɔso di nkutaho berɛ a ɛnyɛ nsɔnhwɛ na ɛrekae yɛn sɛ yɛnkɔ Wɔn nkyɛn?
Brɛ Wo Ho Ase
Sɛ nneɛma rekɔ yie a, ɛyɛ sɛ wobɛdi ahurisie wɔ wo nhyira ne deɛ woatumi ayɛ ho. Nanso mma wo werɛ mfiri deɛ ɔmaa wo duruu baabi a wo wɔ no. Ɔhene Benjamin kaa no sei wɔ n’asɛnka wɔ Mormon Nwoma no mu:
“Na hwɛ, yɛn nyinaa nyɛ asrɛsrɛfoɔ anaa? Yɛn nyinaa yɛnnane Nipa korɔ no ara, mpo Onyankopɔn, wɔ deɛ yɛwɔ nyinaa, aduane ne ntadeɛ, ne sika ne dwetɛ, ɛne ahonyadeɛ ahodoɔ nyinaa a yɛwɔ anaa?” (Mosiah 4:19).
Sɛ wobɛbrɛ wo ho ase wɔ wo nkonimdie mu berɛ wokae deɛ Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo ayɛ ama wo no yɛ kwan kɛseɛ a wode Wɔn bɛka wo mmerɛ pa ho.
Kɔso Da Ase
Aseda yɛ ahantan ne awerɛfire ano aduro papa pa ara no mu baako. Sɛ woda Onyankopɔn ase a ɛbɛboa ama woakae No ne papa a Ɔne ne Ba no yɛ wɔ w’abrabɔ mu nyinaa. Yei yɛ adwuma wɔ mmerɛ pa ne mmerɛ a ɛmu yɛ den nyinaa mu.
Kɔso ma W’ani Nna hɔ
Satan akwan a n’ani gye ho yie baako ne sɛ “ɔbɛma abotɔyam, na wadaadaa [wo] akɔ honam mu ahobammɔ mu” (2 Nephi 28:21). Nsɛm foforɔ mu no, ɛbɛyɛ no dɛ sɛ wobɛwɔ anigyeɛ ne ahobammɔ wɔ wo mmerɛ pa mu ara ama wo werɛ afiri deɛ ɛho hia kɛse. Enti, mma wo werɛ mfiri Onyankopɔn! Sɛ wokɔ so ma w’ani da hɔ wɔ ɔtamfo no aniteɛ nnaadaa ho na wosi wɔn kwan mpo wɔ wo mmerɛ pa mu a, wobɛtumi abɛn Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo.
Odwanhwɛfoɔ Pa No, ɛfiri Michael Malm hɔ
Kɔso fa w’ani Si Kristo so
Titenani Russell M. Nelson kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Sɛ yɛn abrabɔ botaeɛ si Onyankopɔn nkwagyeɛ nhyehyɛɛ ne Yesu Kristo ne N’asɛmpa no so a, yɛbɛtumi anya anigyeɛ ɛmfa ho deɛ ɛrekɔ so—anaa ɛnkɔ so—wɔ yɛn bra mu. Anigye firi Ne mu ne Ne nti. Ɔne anigyeɛ nyinaa farebae.”
Mprɛ sɛn na wosusu anigyeɛ ho nokwasɛm yi ho berɛ a abrabɔ rekɔ yie no? Yei nyɛ awerɛkyekyerɛ afutuo mma berɛ a nneɛma ayɛ den no nko ara. Ɛyɛ nokorɛ mmerɛ nyinaa, a wo nna papa pa ara ka ho. Enti yɛ deɛ wobɛtumi biara fa w’adwene si Kristo so, wɔ bɔne anaa papa mu.
© 2025 by Intellectual Reserve, Inc. Wɔasi ho kwan ahodoɔ nyinaa. Wɔtintimm wɔ USA Borɔfo Kasa ho kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ma Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkrasɛm, Ɛbɔ 2025. Twi. 19626 503