2025
Deɛ Ɛnyɛ Onyankopɔn
De ma Mmabunu Ahoɔden Ɔsanaa 2025


Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkrasɛm, Ɔsanaa 2025

Deɛ ƐnyɛOnyankopɔn

Nokorɛ ahodoɔ 5 fa Yɛn Soro Agya ho

Yɛbɛtumi asua pii afa deɛ ɛyɛ Onyankopɔn ho berɛ a yɛte deɛ Ɔnyɛ ase.

paint ne paintbrush

Nkyerɛkyerɛmu firi Camila Gray

Nhyira kɛseɛ baako a ɛfiri Mmaeɛ bio no mu ne sɛ Onyankopɔn asan ayi Ne ho ne Ne suban akyerɛ sɛ Ɔsoro Agya dɔfoɔ. Nanso ɛtɔ da a yɛnya adwene anaa nsusuiɛ fa Onyankopɔn ho a ɛnyɛ nokorɛ. Sɛ ɛba saa a, yɛbɛtumi asua pii afa deɛ Onyankopɔn berɛ a yɛte deɛ Ɔnyɛ.ase.

Onyankopɔn nyɛ obi a yɛnnim no a ɔte ahennwa so wɔ akyirikyiri.

Ɔyɛ yɛn Agya, nwanwasoɔ mpo sene asase so agya papa pa ara a wobɛtumi asusu. Ɛwom sɛ yɛntumi nkae yɛne No ansa na yɛreba asase so asetena deɛ, nanso Ɔnim yɛn ankoroankoro yie. Ɔwɔ honam ne nnompe nipadua a ɛwie pɛyɛ, na yɛyɛ Ne nsɛsoɔ.

Sɛ wopere sɛ wobɛhunu deɛ Onyankopɔn teɛ a, nhwɛsoɔ a ɛwie pɛyɛ wɔ hɔ: Ne Ba, Yesu Kristo. Yesu kaa sɛ, “Me ne ɔkwan no, nokorɛ no, ne hann no: onipa biara mma Agya no hɔ, gye sɛ ɔnam me so. Sɛ moahunuu me a, anka moahunu m’Agya nso” (Yohane 14:6–7). Wɔ nsɛm foforɔ mu no, sɛ yɛpɛ sɛ yɛhunu sɛdeɛ Ɔsoro Agya teɛ a, yɛbɛtumi asua sɛdeɛ Yesu Kristo teɛ! Wɔyɛ pɛ wɔ botaeɛ mu.

Onyankopɔn nyɛ obi a ɔnni ne ho adagyeɛ mma woɔ.

Nokorɛ, Ɔreboa wo ama woanya daa nkwa no yɛ N’adwuma ne N’animuonyam. Woyɛ Ne #1 botaeɛ! Mmerɛ nkyekyere No sɛdeɛ yɛteɛ no. Twe bɛn No wɔ mpaebɔ mu berɛ biara. Afei tie akwan pii a Ɔfa so ma mmuaeɛ.

Onyankopɔn nyɛ obi a ɔhyɛ wo sɛ di N’akyi.

Elder Dale G. Renlund, a ɔka Asomafoɔ Dummienu Kuo no ho kyerɛkyerɛɛ sɛ “Yɛn Soro Agya no botaeɛ wɔ awofoyɛ mu nyɛ sɛ ɔbɛma Ne mma ayɛ deɛ ɛtene; ɛyɛ sɛ ɔbɛma Ne mma afa sɛ wɔbɛyɛ deɛ ɛtene na awieeɛ koraa no wɔabɛyɛ sɛ Ɔno.” Ɔbɛto nsa afrɛ wo, atu wo fo, na wakyerɛ wo nokorɛ no,. nanso Ɔnyi wo pɛ mfiri hɔ nhyɛ wo sɛ di N’akyi

Onyankopɔn nyɛ obi a ɔrehwehwɛ akye wo sɛ woredi nsɛmmɔne bi nti ɔbɛtumi atwe w’aso

Mmom, sɛdeɛ Elder Patrick Kearon a ɔka Asomafoɔ Dummienu Kuo no ho kaeɛ no, “Onyankopɔn rebɔ mmɔden biara ahwehwɛ wo,” asekyerɛ ne sɛ Ɔmpa aba wɔ mmɔden a ɔrebɔ sɛ ɔbɛboa ama woasan aba Ne nkyɛn no ho. Ɔnim sɛ yɛn nyinaa bɛhyia nneɛma a ɛyɛ den berɛ a yɛyɛ mfomsoɔ. Enti Ɔma yɛn kwan a ɛbɛma yɛn ho ate afiri bɔne ho na yɛanya ahoɔden nam Ne Ba no Mpata so.

Onyankopɔn nyɛ obi a ɔrtwɛn sɛ “wobɛso” anaa “awie pɛyɛ” ansa na Wadɔ wo.

Ne dɔ a Ɔwɔ ma wo no nni awieeɛ. Ɔdɔ seesei ara, ɛmfa ho ne wo ho a ɛnteɛ no! Titenani Jeffrey R. Holland, Asomafoɔ Dummienu Kuo no Titenani ananmusini ma nokorɛ yi mu nkyerɛkyerɛmu: “‘Bra sɛdeɛ woteɛ no ara,’ Agya dɔfoɔ se yɛn mu biara, nanso Ɔde ka ho sɛ, ‘Ɛnyɛ w’adwene sɛ wobɛtena wo dada no ara mu.’ Yɛnwenwene kae sɛ Onyankopɔn asi gyinaeɛ pɔ sɛ ɔbɛma yɛn sene sɛdeɛ yɛdwene sɛ yɛbɛtumi ayɛ.” Wɔ ɔdɔ a ɛnniawieeɛ ne nkuranhyɛ mu, Ɔsoro Agya rebɔ mmɔden sɛ ɔboa ma wobɛyɛ te sɛ Ɔno na woanya deɛ Ɔwɔ nyinaa, nkakra nkakra.

Deɛ Onyankopɔn YƐ

Ɔkwan turodoo a wobɛtumi afa so de ahunu wo Soro Agya ne sɛ wobɛkɔ so ne No anya nkutahodie. Sɛn? Sua Ɔne Ne Ba no ho nsɛm firi twerɛnsɛm ne nkɔmhyɛfoɔ ateasefoɔ nsɛm mu. Su frɛ No. Di Ne mmaransɛm so. Nya w’ankasa berɛ a ɛyɛ komm som No wɔ asɔre, tɛmpol mu, ne kronkron mmea afoforɔ. Wo ne No nyɛ apam na di so. Ɔbɛboa wo ama woahunu deɛ Ɔyɛ ne sɛdeɛ Ɔdwene wo ho fa.