2025
Yɛbɛyɛ dɛn atena wiase na “yɛde wiase yi mu nneɛma ato nkyɛn”?
Ɔbɛnem 2025


Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkrasɛm, Ɔbɛnem 2025

Yɛbɛyɛ dɛn atena wiase na “yɛde wiase yi mu nneɛma ato nkyɛn”?

Yesu Kristo rehyɛ Nephi asuafoɔ asɔfoɔ

Asuafoɔ a na Wayi Wɔn, ɛfiri Casey Childs hɔ

Awurade aka sɛ, “Fa wiase yi mu nneɛma to nkyɛn, na hwehwɛ nneɛma a ɛyɛ papa” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 25:10). Yei nkyerɛ sɛ yɛbu yɛn ani gu yɛn honam fam ahiadeɛ ahodoɔ so, na mmom ɛkyerɛ sɛ yɛmfa yɛn akoma nto ahonyadeɛ, tumi, dibea, anaa wiase anim dom so. Nnyinasosɛm ahodoɔ bi a wɔakyerɛkyerɛ yɛn fa wiase asetena ho ni:

Fa Onyankopɔn nneɛma di kan. “Monhwehwɛ Onyankopɔn ne ahennie, ne Ne tenenee kane” (Mateo 6:33). Wɔ yɛn akoma ne yɛn abrabɔ mu no, Onyankopɔn mmaransɛm ne apam a yɛne No ayɛ no yɛ yɛn adeɛ a ɛdi kan.

Hwehwɛ adesua. “Berɛ a woresua wiase a atwa wo ho ahyia no, sua fa Agyenkwa no nso ho. Mpɛn dodoɔ a wosua no, dodoɔ no ara na wobɛtumi aboa ma wɔakyekyere Onyankopɔn ahemman na woanya wiase so nkɛntɛnsoɔ pa” (De ma Mmabunu Ahoɔden: Nneɛma a Woyi ho Akwnakyerɛ [2022], 31, 32).

Adwuma. “Adwuma yɛ asɛmpa nnyinasosɛm a ɛho hia. Ɛma yɛnyini na yɛnya nkɔsoɔ. Ɛnyɛ sɛ Awurade pɛ sɛ yɛhwɛ yɛn mmusua nko ara na mmom ‘yɛde yɛn ho hyɛ adwuma pa bi mu’ [Nkyerɛkyerɛ ne Apam 58:27]” (“Adwumayɛ,” Nsɛnti ne Nsɛmmisa, Asɛmpa Nwomakorabea).