Adamfoɔ
Twam afahyɛ no
Oforisuo 2026 Adamfoɔ


“Twam afahyɛ no,” Adamfoɔ, Oforisuo 2026, 46–48.

Bosome bosome Adamfoɔ Nkrasɛm, Oforisuol 2026

Twam afahyɛ no

Mose ne Aaron a wɔne Farao rekasa ho mfonin

Mose kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnnyae Israelfoɔ nkoa no. Farao ampene Awurade somaa yaredɔm ahodoɔ kɔɔ Misraim, nanso Farao kɔɔ so ara kaa sɛ daabi.

Mose a ɔne nkorɔfoɔ rekasa ho mfonin

Awurade kaa sɛ Ɔbɛsoma ɔyaredɔm baako a ɛtwa toɔ. Na abusua biara a ɛwɔ Misraim mu abakan bɛwu. Nanso sɛ Israelfoɔ no di N’akwankyerɛ so a, ɔyaredɔm no bɛpa wɔn ho.

Ɔbarima a ɔreyɛ mfonin wɔ ɛpono ano, a nkwadaa rehwɛ ho mfonin.

Awurade ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ wɔmfa odwammaa a ɔyɛ pɛ mmɔ afɔreɛ na wɔmfa odwammaa no mogya nka wɔn apono ano.

Farao a ɔredi ne ba a wawu ho awerɛhoɔ ho mfonin.

Ɔyaredɔm no baeɛ. Misraimfoɔ abakan nyinaa, a Farao babarima ka ho wuwuiɛ. Nanso Israelfoɔ abakan no nyaa nkwa ɛfiri sɛ wɔyɛɛ setie maa Awurade.

Farao a ne bo afu a ɔresoma asraafoɔ ho mfonin.

Farao ka kyerɛɛ Mose ne Israelfoɔ sɛ wɔmfiri Misraim. Nanso na Farao bo afu. Ɔne n’asraafoɔ tii wɔn.

Israelfoɔ a asraafoɔ reti wɔn ho mfonin.

Israelfoɔ no tenaa Po Kɔkɔɔ no ho. Berɛ a wɔhunuu sɛ Misrifoɔ no reba no, ehu kaa wɔn. Mose kaa sɛ Awurade bɛbɔ wɔn ho ban.

Mose a ɔrepae Po Kɔkɔɔ no mu ho mfonin.

Mose maa ne poma so, na Awurade paee po no mu. Israelfoɔ no twaam wɔ asase kɛsɛɛ so.

Po Kɔkɔɔ a ɛrehwie gu Misraim asraafoɔ so ho mfonin.

Berɛ a Israelfoɔ no nyaa bammɔ wɔ po no fã foforɔ no, nsuo no siane bɛfaa asraafoɔ no. Awieeɛ no, Israelfoɔ no nyaa fahodie.

Krataafa a Wɔkɔla

Wɔnyanee Yesu Kristo maa Me.

Agyenkwa no damena a hwee nni mu no kratafa a wɔkɔla PDF.

Mfonin ahoroɔ a ɛfiri Audrey Day hɔ. Wɔbɛtumi ayɛ nsɛsoɔ ama Asɔre dwumadie nko ara.

Deɛn na wobɛtumi ayɛ de akae Yesu Kristo wɔ Easter berɛ yi ne afe mu no nyinaa?