“Mose Nkɔmhyεni no,” Adamfoɔ, Ɔbɛnem 2026, 46–48.
Bosome, bosome Adamfoɔ Nkrasɛm, Ɔbɛnem 2026
Mose Nkɔmhyεni no
Na Mose yɛ Israelni, nanso Pharaoh babaa na ɔtetee no wɔ Misraim. Mose werɛ hoee sɛ Misraimfoɔ no yɛ atirimuɔdenfoɔ na wɔayɛ Israelfoɔ no wɔn nkoa.
Dakoro bi Mose hunuu sɛ Misraimni bi rebobɔ Israelnibi. Mose kɔgyee Israelni no.
Berɛ a Pharaoh hunuu saa no, ɔpɛɛ sɛ ɔkum Mose, nanso Mose dwane firii Misraim.
Mose baa bea bi a wɔfrɛ hɔ Midian, baabi a ɔhyiaa ɔbaa bi a wɔfrɛ no Zipporah. Wɔwaree na wɔnyaa mma.
Berɛ a na Mose te Midian no, ɔhunuu wura bi a na egya dam, nanso na egya no nhye wira no. Awurade puee egya no mu na ɔkasa kyerɛɛ Mose.
Awurade kaa sɛ Ɔnim sɛ Israelfoɔ no rehunu amane wɔ Misraim. Ɔhyɛɛ Mose sɛ ɔnsane nkɔ Misraim na ɔnka nkyerɛ Pharaoh sɛ ɔmma Israelfoɔ no nkɔ kwa. Awurade kaa sɛ Ɔbɛboa Mose ma wagye Israelfoɔ no na wadi wɔn anim akɔ bɔhyɛ asase bi so.
Ahosuo adwinnie Kratafa
Mɛtumi Ada Ayamyɛ Adi Akyerɛ Afoforɔ
Nkyerɛkyerɛmu firi Audrey Day hɔ. Wɔbɛtumi ayɛ bi de adi Asɔre dwuma nko ara.
Deɛn na wobɛtumi ayɛ no nnawɔtwe yi mu de akyerɛ ayamyɛ?
© 2026 by Intellectual Reserve, Inc. Wɔasi ho akwan nyinaa. Wɔtintimm wɔ USA Borɔfo Kasa ho kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ma Bosome, bosome Adamfoɔ Nkrasɛm, Ɔbɛnem 2026. Twi. 19938 503