“Noah ne adaka no,” Adamfoɔ, Ogyefuo 2026, 46–48.
Bosome bosome Adamfoɔ Nkrasɛm, Ogyefuo 2026
Noah ne Adaka no
Noah ne n’abusua yɛɛ setie maa Onyankopɔn. Na afoforɔ a wɔn aka no yɛ abɔnefoɔ paa. Awurade ka kyerɛɛ Noah sɛ nsuyiri bi bɛkata asase so sɛ nkurɔfoɔ no ansakra anfiri wɔn bɔne ho a.
Noah ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ Awurade dɔ wɔn na ɔpɛ sɛ wɔsakra na wɔnya gyidie wɔ Yesu Kristo mu. Wɔanyɛ.setie.
Awurade ka kyerɛɛ Noah sɛ ɔnyɛ ɛhyɛn kɛse bi. Na Adaka no bɛma Noa abusua no akɔ so ayɛ nea ahobammɔ wom wɔ nsuyiri no mu.
Noah abusua de aduane baa ɛhyɛn adaka no mu. Awurade somaa aboa biara mmienu mmienu baeɛ sɛ Noah mfa wɔn nkɔ ɛhyɛn adaka no mu. Afei nsuo firii aseɛ tɔeɛ.
Nsuo tɔɔ nnafua aduanan ne anadwo aduanan. Nsuyiri bufaa asase so sɛnea Awurade bɔɔ ho kɔkɔ no.
Noah abusua ne mmoa a wɔwɔ ɛhyɛn adaka no mu nyinaa faa nsuo no so dwoodwoo.
Berɛ a nsuyiri no baa awieɛ no, ɛhyɛn adaka no sii fam wɔ asase a ɛso yɛ wesee so. Noah ne n’abusua daa Awurade ase sɛ wabɔ wɔn ho ban. Awurade hyɛɛ bɔ sɛ ɔremma nsuyiri nsɛe asase so bio. Ɔsomaa nyankontɔn sɛ nkaebɔ a ɛfa Ne bɔhyɛ ho.
Ahosuo adwinnie Kratafa
Meredi Awurade Nkɔmhyɛni no Akyi Bɛhyira Me
Nkyerɛkyerɛmu firi Audrey Day hɔ
Deɛn na wobɛtumi ayɛ de adi nkɔmhyɛni no akyi?
© 2026 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintimm wɔ USA Borɔfo Kasa ho kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ma Bosome bosome Adamfo Nkrasɛm, Ogyefuo 2026. Twi. 19927 503