“Adam ne Hawa,” Adamfoɔ, Ɔpɛpɔn 2026, 46–48.
Bosome Bosome Adamfoɔ Nkransɛm, Ɔpɛpɔn 2026
Adam ne Hawa
Adam ne Hawa ne ɔsoro Agya mma no mu nea ɔtenaa asase so kane. Wɔtenaa Eden Turo no mu.
Onyankopɔn maa wɔdii dua biara so aba nanso baako. Sɛ wɔdii papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no bi a, anka ɛsɛ sɛ wɔfiri turo no mu na awieɛ koraa no wɔawu. Nanso, Bonsam twaa wɔn ntorɔ. Ɔkaa sɛ sɛ wɔdi aduaba no a, anka wɔbɛhunu papa afiri bɔne mu nanso wɔrenwu.
Hawa faa sɛ ɔbɛdi aduaba no.
Afei ɔde aduaba no bi maa Adam. Ɔno nso faa sɛ ɔbɛdi.
Onyankopɔn ne Yesu Kristo bɛsraa wɔn, nanso Adam ne Hawa suroeɛ na wɔde wɔn ho sieeɛ. Onyankopɔn bisae sɛ ebia wɔadi aduaba afiri dua no so anaa.
Adam ne Hawa kaa sɛ wɔdii aduaba no. Afei na ɛsɛ sɛ wɔfiri Eden Turo no mu. Nanso na Onyankopɔn wɔ nhyehyɛeɛ ma wɔn. Afei na wɔnim papa ne bɔne na wɔbɛtumi awo mma.
Adam ne Hawa hyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛdi Onyankopɔn mmara so. Wɔsuaa Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo ho adeɛ pii. Wɔn ani gyeeɛ ɛfirisɛ na ɔbɛboa wɔn abusua ma wɔasan aba Onyankopɔn nkyɛn.
Ahosuo adwinnie Kratafa
Yesu na Ɔbɔɔ Asase no
Nnoɔma ɛrekyerɛ deɛ Audrey Day yɛeɛ
Deɛn ne nneɛma a w’ani gye ho paa a Yesu Kristo bɔɔeɛ?
© 2026 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintimm wɔ USA Borɔfo Kasa ho kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ma Bosome bosome Adamfoɔ Nkransɛm, Ɔpɛpɔn 2026. Twi. 19919 503