2025
Ahotefoɔ no Kɔ Atɔeɛ
Ɔpɛnima 2025 Adamfoɔ


“Ahotefoɔ no Kɔ Atɔeɛ,” Adamfoɔ, Ɔpɛnima 2025, 26–28.

Bosome bosome Adamfoɔ Nkrasɛm, Ɔpɛnima 2025

Ahotefoɔ no Kɔ Atɔeɛ

Brigham Young rehwɛ berɛ a nkorɔfoɔ yɛ adwuma wɔ Nauvoo Tɛmpol a wɔnwieeɛ no ho

Joseph Smith wuiɛ akyi no, Brigham Young ne asomafoɔ afoforɔ no na wɔdii Asɔre no anim. Na Brigham nim sɛ ɛsɛ sɛ Ahotefoɔ no firi Nauvoo ɛfiri sɛ na ɛnyɛ ahotɔ. Nanso na Awurade pɛ sɛ wɔdi kan si tɛmpol no wie.

Brigham Young rema nkorɔfoɔ akwaaba aba tɛmpol

Berɛ a wɔwiee tɛmpol no, Ahotefoɔ mpempem ne Awurade yɛɛ apam na wɔsɔɔ wɔn ano sɛ mmusua.

Ahotefoɔ a wɔnam asukɔtweaa mframa mu

Afei na berɛ aso sɛ wɔhyɛ wɔn atɔeɛ fam akwantu no ase. Na awɔ wom, na na nkorɔfoɔ yare na ɛkɔm de wɔn.

Mmusua a wɔreboa afoforɔ ma wɔanya aduane ne kuntu wɔ awɔ mu

Brigham bɔɔ mpaeɛ pɛɛ mmoa. Awurade kaa sɛ ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn ho wɔn ho, na Ɔbɛhyira wɔn na waboa wɔn.

Abusua a wɔabu nkotodwe wɔ damena ho

Na akwantuo no da so ara yɛ den yie. Ebinom wuwuiɛ. Nanso esiane wɔn tɛmpol apam nti, Na Ahotefoɔ no nim sɛ wɔbɛhunu wɔn abusuafoɔ bio.

Brigham Young a ɔte teaseɛnam mu rehwɛ Salt Lake Bonhwa

Ahotefoɔ a wɔdi kan no duruu Salt Lake Bonhwa mu wɔ afe 1847 mu. Ɛha deɛ na wɔbɛtumi asom Awurade na wɔayɛ N’adwuma wɔ asomdwoeɛ mu.

Tɛmpol ne asɛmpatrɛfoɔ mfonin ahodoɔ a asase wɔ akyire

Nkakrankakra, Ahotefoɔ bebree duruu hɔ na wɔsisii tɛmpol ahodoɔ bebree. Asɛmpatrɛfoɔ kɔɔ wiase nyinaa kɔkyerɛkyerɛɛ Yesu Kristo asɛmpa no. Agyenkwa no Asɔre no kɔɔ so nyinii, na ɛhyiraa Ɔsoro Agya mma wɔ baabiara.

Ahosuo adwinnie Kratafa

Ɔno ne Hann no, Nkwa no, ne Wiase Anidasoɔ no

Akokoaa Yesu a ɔda mmoa adididaka mu ne odwammaa krataafa PDF a wɔakɔla

Nkyerɛkyerɛmu firi Corey Egbert hɔ

Deɛn na woyɛ wɔ Buronya berɛ de kae Yesu Kristo?