2025
Jane Manning tu kwan kɔ Nauvoo
Ahinime 2025


“Jane Manning tu kwan kɔ Nauvoo,” Adamfoɔ, Ahinime 2025, 26–28.

Bosome, bosome Adamfoɔ Nkransɛm, Ahinime 2025

Jane Manning tu kwan kɔ Nauvoo

Ɔbarima bi rebɔ Jane Manning asu wɔ petee mu

Baabi a Jane Manning tenaeɛ no, nkorɔfoɔ bi dii ne ho fɛw ɛsiane ne honam ahosuo nti. Da bi, ɔtee asɛmpatrɛni bi nkyerɛkyerɛ. Ankyɛre ɔbɔɔ asu.

Jane ne n’abusua gyina kodoɔ bi ho wɔ mpoano

Wɔbɔɔ Jane abusua nso asu. Na wɔn nyinaa pɛ sɛ wɔkɔka Nauvoo Ahotefoɔ no ho. Enti wɔhyɛɛ wɔn akwantuo ase.

Jane ne n’abusua soso baagye na wɔrehwɛ kodoɔ a ɛrekɔ wɔ asubɔntene bi so

Jane abusua pɛɛ sɛ wɔde kodoɔ tu kwan no mu fa, nanso na wɔn sika sua. Ɛno nti na ɛwɔ sɛ wɔnante kwansini 800 (1,300 km).

Jane ne n’abusu renante wɔ mpaboago ne ntoma fi mu

Na ɛwɔ sɛ wɔtwa asuo bi a ɛmu dɔ na wɔda abɔnten wɔ awɔ mu. Nanso na wɔasi nkete sɛ wɔbɛduru Nauvoo. Wɔde nnwontoɔ hyɛɛ wɔn ho den berɛ a na wɔrenanteɛ.

Jane de bandagyi rekyekyere ɔbarima bi nan

Jane abusua nantee kɔsii sɛ wɔn mpaboa tetee maa wɔn nan yɛɛ wɔn yea. Nanso berɛ a wɔsu frɛɛ Onyankopɔn pɛɛ mmoa no, Ɔsaa wɔn nan no yareɛ.

Nnipakuo bi rehwɛ Jane a ɔbaa bi a ɔkura abɔfra a ɔyare ka ne ho

Wɔboaa nkorɔfoɔ a wɔhyiaa wɔn wɔ kwan no so. Mpo wɔboa saa abɔfra yarefoɔ bi yareɛ ɛnam wɔn gyedie nti.

Jane reyɛ Emma Smith atuu a Joseph Smith renwenwe

Awieeɛ no, Jane ne n’abusua duruu Nauvoo! Berɛ a Joseph Smith tiee deɛ wɔafa mu nyinaa wieeɛ no, ɔsee Jane sɛ, “Onyankopɔn nhyira wo. Woka nnamfoɔ ho seesei”

Nkekamu Krataafa

Yesu Pɛ sɛ Medɔ Obiara

Nkekamu krataafa PDF ma mmɔfra mmienu a wɔbom te akonnwa so

Corey Egbert na ɔyɛɛ Nkyerɛmu no

Sɛn na wokyerɛ ɔdɔ kyerɛ afoforɔ?