2025
Rekyekyere Nauvoo
Kɔtɔnima 2025


“Rekyekyere Nauvoo,” Adamfoɔ, Ɛbɔ 2025, 26-28.

Bosome bosome Adamfoɔ Nkrasɛm, Ɛbɔ 2025

Rekyekyere Nauvoo

Kane Ahotefoɔ a wɔtete nsraban mu wɔ Mississipi Asubɔnten nkonkɔnso

Awurade ka kyerɛɛ Ahotefoɔ no sɛ wɔnhyiam wɔ beaeɛ foforɔ. Na ɛbɛn asubɔnten bi, baabi a na asase no yɛ nsuo ne atɛkyɛ. Na ɛnsɛ beaeɛ pa a wɔbɛkyekyere kuropɔn wɔ hɔ. Nanso na Nkɔmhyɛni Joseph Smith nim sɛ Awurade mmoa nti wɔbɛtumi ama no ayɛ no fɛ.

Ɔbarima a dua da n’abatiri, ɔpɔnkɔ ne teaseɛnam a ɛso adansie ho nneɛma, ne nnua adan
Joseph Smith ne mmarima afoforɔ a wɔde mmrekese resi efie

Ahotefoɔ no yɛɛ adwuma den maa ɛyɛɛ beaeɛ pa a wɔtena hɔ. Joseph frɛɛ kuro no Nauvoo, a asekyerɛ ne “beaeɛ a ɛyɛ fɛ.”

Joseph Smith atene ne nsa rekyerɛ baabi wɔ bepɔ bi so a wɔbɛsi tɛmpol

Na Awurade pɛ sɛ N’Ahotefoɔ si tɛmpol wɔ Nauvoo. Nkorɔfoɔ no hyɛɛ aseɛ ntɛm ara yɛɛ adwuma.

Joseph Smith rekyerɛkyerɛ Ahotefoɔ afoforɔ wɔ efie bi mu

Na Awurade wɔ nhyira akɛseɛ de ma Ne nkorɔfoɔ. Wɔ tɛmpol mu no, wɔne Awurade bɛyɛ apam, anaa bɔhyɛ ahodoɔ sononko. Wɔbɛsan asua biribi afa Ɔsoro Agya anigyeɛ nhyehyɛeɛ ma Ne mma nyinaa ho.

Nauvoo Tɛmpol a wɔawie

Ahotefoɔ no yɛɛ adwuma den na ɛsii tɛmpol no. Ɛgyee berɛ tenten, nanso na wɔn ani agye sɛ wɔbɛsua nhyira ahodoɔ sononko a na Awurade ahyɛ wɔn ho bɔ wɔ Ne tɛmpol mu no ho asɛm.

Ahosuo adwinnie Kratafa

Tɛmpol Yɛ Awurade Fie.

Tɛmpol Dwumadie adwinnie kratafa PDF

Nkyerɛkyerɛmu firi Corey Egbert hɔ

Sɛ wohunu tɛmpol a, atenka bɛn na wonya?