2025
Liberty Afiase
Kɔtɔnima 2025


“Liberty Afiase,” Adamfoɔ, Ɔsanaa 2025, 26–28.

Bosome bosome Adamfoɔ Nkrasɛm, Ɔsanaa 2025

Liberty Afiase

Afie a ɛrehyeɛ ne mmarima a wɔn bo afuo a wɔkura atuo

Nkorɔfoɔ bebree wɔ Missouri a wɔmpɛ Ahotefoɔ no asɛm. Amrado no somaa asraafoɔ sɛ wɔmpam wɔn mfiri hɔ.

Ɔbarima a ɔte ɔpɔnkɔ so a ɔde akofena rekyerɛ Joseph Smith so.

Asraafoɔ no kyeree Joseph Smith ne Asɔre no sodifoɔ afoforɔ. Anadwo bi, na asraafoɔ no resere fa nnebɔne a wɔayɛ atia Ahotefoɔ no ho.

Joseph Smith a nkɔnsɔnkɔnsɔn gu ne nsa gyina hɔ rekasa kyerɛ mmarima

Joseph sɔre gyinaa hɔ teaam sɛ, “Kommyɛ!” Ɔde Onyankopɔn tumi kasaeɛ. Awɛmfoɔ no kaa sɛ wɔpa kyɛw na wɔgyaee kasa.

Joseph Smith ne mmarima afoforɔ a wɔwɔ Liberty Afiase werɛ aho na awɔ de wɔn

Akyire yi, wɔde Joseph ne ne nnamfonom too afiase wɔ kuro bi a wɔfrɛ no Liberty. Na afiase hɔ yɛ nwunu, ketewa na ɛyɛ sum. Na ɛserɛ fi bi na ɛwɔ hɔ a wɔbɛda soɔ. Aduane a wɔde maa wɔn no bɔɔ wɔn yareɛ.

Joseph Smith resu na ɔbarima bi rekorɔkorɔ no

Joseph dwenee Ahotefoɔ no ho. Nanso na ɔntumi nyɛ hwee mmoa wɔn.

Joseph Smith abu nkotodwe rebɔ mpaeɛ wɔ afiase

Joseph bɔɔ mpaeɛ pii. Ɔbisaa sɛ Onyankopɔn werɛ afiri ɔne Asɔremma no anaa?

Joseph Smith abu nkotodwe wɔ afiase apagya ne ti rehwɛ awia a ɛfiri mpomma tokuro ketewa bi mu.

Onyankopɔn buaa Joseph mpaebɔ no. Ɔsee no sɛ, “Me ba, asomdwoeɛ nka wo kra.” Onyankopɔn ka kyerɛɛ Joseph sɛ n’amanehunu nka hɔ daa na ɛbɛyɛ berɛ tiawa na ɛbɛyɛ ne yiedie ntira. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ Ɔbɛka Joseph ho “afebɔɔ” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121:7, 46).

Ahosuo adwinnie Kratafa

Mɛtumi Ayɛ Te sɛ Hann ama Afoforɔ

Ahosuo adwinnie krataafa a ɛyɛ kanea-fie, abotan mpoano, ne suhyɛn si po so

Nkyerɛkyerɛmu firi Corey Egbert hɔ

Sɛn na woyɛ nhwɛsoɔ papa ma afoforɔ?