Bosome bosome Adamfoɔ Nkrasɛm, Kutawonsa 2025
Asomafoɔ no Somee Mission wɔ Great Britain
Awurade ka kyerɛɛ Joseph Smith sɛ ɔnsoma Asomafoɔ no bi ma wɔnkɔ nsɛmpaka wɔ Great Britain. Na ɛyɛ den sɛ Asomafoɔ no bɛgya wɔn mmusua hɔ, nanso Awurade hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛhyira wɔn.
Heber C. Kimball ne ne yere, Vilate, nyaa abusua foforɔ. Na wɔn mu bebree yare pa ara.
Na Brigham Young nso yare, ɛna n’abusua yɛ ahiafoɔ. Nanso Brigham Young yere Mary Ann see no sɛ, “Kɔ na kɔyɛ w’asɛmpatrɛ addwuma, na Awurade bɛhyira wo.”
Heber ne Brigham nyaa ahoɔden kakra, nanso na wɔayɛ mmrɛ. Na wɔpɛ sɛ wɔka asɛmpa no, enti wɔne wɔn mmusua dii nkra na wɔforo kɔtenaa teaseɛnam bi so de hyɛɛ wɔn akwantu no ase.
Akwantuo tenten de twa ɛpo akyi no, Heber ne Brigham duruu Great Britain. Wɔne Asomafoɔ afoforɔ kaa nsɛmpa no kyerɛɛ nkorɔfoɔ. Nnipa mpempem na wɔbɔɔ wɔn asu baa Yesu Kristo Asɔre no mu. Wɔn mu bebree tuu kwan twaree ɛpo kɔkaa United States Ahotefoɔ no ho.
Awurade dii ne bɔhyɛ so sɛ ɔbɛhwɛ Heber ne Brigham mmusua so berɛ a na wɔresom No sɛ asɛmpatrɛfoɔ no.
Ahosuo adwinnie Kratafa
Onyankopɔn na Ɔɔɔ Abɔdeɛ Biara a ɛwɔ Asase so.
Nkyerɛkyerɛmu firi Corey Egbert hɔ
Deɛn ne abɔdeɛ a ɛsɔ w’ani pa ara?
© 2025 by Intellectual Reserve, Inc. Wɔasi ho kwan ahodoɔ nyinaa. Wɔtintimm wɔ USA Borɔfo Kasa ho kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ma Bosome bosome Adamfoɔ, Kutawonsa 2025. Twi. 19639 503