2025
Kirtland Tɛmpol no Sie
Ayɛwohomumɔ 2025


Bosome bosome Adamfoɔ Nkrasɛm, Ayɛwohomumɔ 2025

Kirtland Tɛmpol no Sie

Joseph Smith ne afoforɔ rehwɛ afuo a wɔnnyee ho ban

Awurade ka kyerɛɛ Joseph Smith sɛ berɛ aso sɛ wɔsi tɛmpol wɔ Kirtland, Ohio, USA. Ɛbɛyɛ beaeɛ sononko a Awurade bɛsra Ne nkorɔfoɔ na wɔayɛ bɔhyɛ ahodoɔ.

Nnipa a wɔrehyɛ aseɛ resi Kirtland Tɛmpol no

Ahotefoɔ no hyɛɛ aseɛ sɛ wɔresi Tɛmpol no. Na ne boɔ yɛ den yie na ɛgyee mmerɛ pii. Nanso wɔn any gyee sɛ wɔnyaa Awurade nhyira.

Ɔbarima a ɔrebɔ mpaeɛ ne adwumayɛfoɔ a wɔbɛn

Ahotefoɔ no reyɛ tɛmpol no ho adwuma no, wɔn sika hyɛɛ aseɛ saeɛ. Wɔbɔɔ mpaeɛ sɛ Onyankopɔn mmoa wɔn.

Ɔbaa a ɔte teaseɛnam mu rehwɛ Kirtland Tɛmpol a wɔnwieeɛ no.

Na ɔbaa bi a wɔfrɛ no Caroline Tippets ne n’abusua asie sika pii. Wɔbɔɔ Asɔre no bosea de boa ma wɔsii tɛmpol no.

Mmɔfra a wɔresesa nhwehwɛ wɔ nkɛntɛn mu wɔ Kirtland Tɛmpol a wɔnsi nwieeɛ no anim.

Ahotefoɔ no yɛɛ adwuma den. Ebinom kaa teaseɛnam a aboɔ ayɛ mu ma. Afoforɔ yɛɛ ntaadeɛ ne aduane maa adwumayɛfoɔ no.

Mmɔfra sesaa nhwehwɛ asinasini kɔyamee de guu tɛmpol no afasuo so ma ɛhyerɛnn wɔ owia mu.

Nnipa a wɔrehwɛ Kirtland Tɛmpol a wɔawie no

Ankyɛ na wɔwiee tɛmpol no! Ahotefoɔ no ani gyee sɛ wɔbɛkɔ Awurade fie akɔgye nhyira a na Wahyɛ wɔn ho bɔ no.

Ahosuo adwinnie Kratafa

Awurade Nim Sɛdeɛ Meteɛ na Ɔdɔ Me

Alt text

Nkyerɛkyerɛmu firi Corey Egbert hɔ

Yɛ w’anim mfonin wɔ kurukuruwa no mu. Woyɛ dɛn hunu sɛ Yesu Kristo dɔ wo?