“Lucy Hunu Nokorɛ no,” Adamfo, Oforisuo 2025, 26–28.
Bosome bosome Adamfoɔ Nkrasɛm, Oforisuo 2025
Lucy Hunu Nokorɛ no
Dakorɔ bi, Lucy Morley a na wadi mfeɛ 15 reboa ne borɔno so ni, Abigail Daniels, awene ataadeɛ. Berɛ a wɔreyɛ adwuma no, asɛmpatrɛfoɔ mmiɛnsa bi bɔɔ ɛpono no mu. Wɔkaa sɛ Yesu Kristo asoma wɔn sɛ wɔnkyɛ nkrasɛm bi.
Mmarima no ka kyerɛɛ Abigail ne Lucy sɛ Yesu na wafrɛ Joseph Smith sɛ ɔmmɛyɛ nkɔmhyɛni. Wɔsan nso kaa Mormon Nwoma no ho asɛm kyerɛɛ wɔn.
Ɛyɛɛ Lucy nwanwa sɛ Abigail bo fuuiɛ. Ɔmaa asɛmpatrɛfoɔ no kɔɔɛ.
Na Lucy nim sɛ asɛmpatrɛfoɔ yɛ Onyankopɔn asomfoɔ. Ɔkakyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛsra n’abusua wɔ kwan no so.
Asɛmpatrɛfoɔ no kɔɔ Morley fie. Lucy awofoɔ too nsa frɛɛ asɛmpatrɛfoɔ no sɛ wɔmmɛkyerɛ wɔne wɔn nnamfo adeɛ.
Saa anadwo no, nnipa 17 na wɔbɔɔ asu. Wɔ nna ɛdi akyire no, nnipa 50 foforɔ tiee asɛmpatrɛfoɔ no na wɔ bɔɔ asu. Lucy yɔnko Abigail mpo sesaa n’adwene. Ɔne ne kunu, Lucy ne n’abusuafoɔ nyinaa, yii sɛ wɔbɛdi Yesu Kristo akyi bɔɔ asu.
Ahosuo adwinnie Kratafa
Yesu Kristo nti, Wɔbɛnyane Me.
Nkyerɛkyerɛmu firi Corey Egbert hɔ
Sɛn na wokae Yesu wɔ Easter berɛ mu?
© 2025 by Intellectual Reserve, Inc. Wɔasi hokwan ahodoɔ nyinaa. Wɔtintimm wɔ USA Borɔfo Kasa ho kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/19. Nkyeraseɛ ma Bosome bosome Adamfoɔ Nkransɛm, Oforisuo 2025.. Twi. 19631 503