2025
Wɔasan de Asɔfodie no Aba
Ɔbɛnem 2025


“Wɔasan de Asɔfodie no Aba,” Adamfoɔ, Ɔbɛnem 2025, 26–28.

Bosome bosome Adamfoɔ Nkrasɛm, Ɔbɛnem 2025

Wɔasan de Asɔfodie no Aba

Wobɛtumi akenkan abasɛm yi wɔ Joseph Smith—Abakɔsɛm 1:66–73 ne NKyerɛkyerɛ ne Apam 27:12.

Joseph Smith de adwene mu mfonin a ɛkyerɛ Kristo a ɔrekɔsra Nifaefoɔ rekasa kyerɛ Oliver Cowdery

Joseph Smith nsa kaa sika mprɛte no akyire no, ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛɛ aseɛ. Oliver Cowdery twerɛɛ deɛ ɔkaaɛ no too hɔ. Berɛ a wɔreyɛ adwuma no, wɔhunuu sɛ Yesu Kristo pɛ sɛ wɔbɔ obiara asu.

Joseph Smith ne Oliver Cowdery rebɔ mpaeɛ wɔ kwaeɛ mu

Joseph ne Oliver dwenee deɛ ɔwɔ Onyankopɔn tumi sɛ ɔbɔ nkorɔfoɔ asu ho. Wɔkɔɔ wuram kɔbɔɔ mpaeɛ bisaa Onyankopɔn.

Ɔbɔfoɔ a ɔde ne nsa ato Joseph Smith tiri so

Berɛ a wɔrebɔ mpaeɛ no, ɔbɔfoɔ bi yii ne ho adi. Ɔkaa sɛ ɔno ne Yohane Suboni a ɔbɔɔ Yesu Kristo asu berɛ tenten a atwam no. Ɔmaa Joseph ne Oliver Aaron Asɔfodie no sɛdeɛ wɔbɛtumi abɔ afoforɔ asu. Asɔfodie yɛ Onyankopɔn tumi. Wɔde hyira Onyankopɔn mma.

Joseph Smith rebɔ Oliver Cowdery asu

Yohane Suboni ka kyerɛɛ Joseph ne Oliver sɛ wɔmmɔ asu. Wɔkɔɔ asubɔnten bi mu kɔbɔɔ wɔn ho wɔn ho asu. Berɛ a wɔfirii nsuo no mu baeɛ no, Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn ma. Wɔn ani gyee pa ara!

Abɔfoɔ mmiɛnsa a wɔde wɔn nsa regu Joseph Smith tiri so

Akyire yi, abɔfoɔ afoforɔ baeɛ. Yesu Kristo Asomafoɔ no mu mmiɛnsa—Petro, Yakobo, ne Yohane—de Melchizedek Asɔfodie no maa Joseph ne Oliver. Afei Joseph ne Oliver bɛtumi de Honhom Kronkron akyɛdeɛ no ama afoforɔ.

Ahosuo adwinnie Kratafa

Yesu Dɔ Akoma mu Nnwom

AKoma a nnwom ntwerɛeɛ wom

Nkyerɛkyerɛmu firi Corey Egbert hɔ

Sɛ woto Yesu Kristo ho dwom a, wote nka sɛn?