2025
Joseph Smith Gye Sika Kɔkɔɔ Mprɛte no
Ogyefuo 2025


“Joseph Smith Gye Sika Kɔkɔɔ Mprɛte no,” Adamfoɔ, Ogyefuo 2025, 26–28.

“Mɛtumi ayɛ Ɔdanseni sɛ Mormon Nwoma no Yɛ Nokorɛ,” Adamfoɔ, Ogyefuo 2025, 48.

Bosome bosome Adamfoɔ Nkransɛm, Ɔgyefuo 2025

Joseph Smith Gye Sika Kɔkɔɔ Mprɛte no

Wobɛtumi akenkan saa abasɛm yi wɔ Joseph Smith—Abakɔsɛm 1:28–60.

Joseph Smith rehwɛ mpoma mu

Mfeɛ mmiɛnsa akyi wɔ Yikyerɛ a Ɛdi Kan no mu no, Joseph Smith yɛɛ basaa fa mfomsoɔ a na wayɛ no ho. Ɔbɔɔ Ɔsoro Agya mpaeɛ faa ho.

Joseph Smith abu nkotodwe wɔ mpaebɔ mu

Berɛ a na Joseph rebɔ mpaeɛ no, hann hyɛɛ dan no mu ma. Ɔhunuu ɔbɔfoɔ a ɔgyina ewiem. Na ɔbɔfoɔ no din ne Moroni.

Ɔbɔfoɔ Moroni resra Joseph Smith wɔ ne dan mu

Moroni kaa sɛ nwoma bi wɔ hɔ a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ nkratafa, anaasɛ mmprɛte. Na wɔde asie wɔ esie bi a ɛbɛn Joseph fie mu Na nwoma no fa nkorɔfoɔ bi a wɔatena Amerika asase so mmerɛ tenten bi a atwam ho. Moroni kaa sɛ Onyankopɔn bɛboa Joseph ma wakyerɛ nwoma no ase.

Joseph Smith retu amena ahwɛ sika kɔkɔɔ mprɛte no

Joseph kɔɔ esie no so na ɔhunuu mprɛte no wɔ ɔbotan duruduro bi ase. Moroni baeɛ na ɔkaa sɛ berɛ nsoe sɛ Joseph bɛfa mprɛte no.

Ɔbɔfoɔ Moroni rekasa kyerɛ Joseph Smith

Berɛ a Joseph nyinii no, Moroni hyiaa no wɔ esie no so na ɔde mprɛte maa no. Moroni ka kyerɛɛ Joseph sɛ ɔnhwɛ so yie.

Joseph Smith rekasa kyerɛ abusua bi

Joseph hyɛɛ aseɛ kyerɛɛ mprɛte no ase kɔɔ Borɔfo kasa mu. Ɔde adwinnadeɛ sononko a ɛfiri Onyankopɔn hɔ boaa ne ho. Wɔtintmm nwoma no wɔ 1830 mu sɛ Mormon Nwoma no. Ɛkyerɛkyerɛ fa Yesu Kristo ne N’asɛmpa no ho.

Ahosuo adwinnie Kratafa

Mɛtumi Ayɛ Ɔdanseni Sɛ Mormon Nwoma no Yɛ Nokorɛ.

Mormon Nwoma no a abaayewa de abɔ ne bo ahosuo adwinnie kratafa

Nkyerɛkyerɛmu firi Corey Egbert hɔ

Sɛn na wobɛboa afoforɔ ama wɔasua Yesu Kristo ho asɛm wɔ Mormon Nwoma no mu?