2025
Yikyerɛ a Ɛdi Kan No
Ɔpɛnimma 2024


“Yikyerɛ a Ɛdi Kan No,” Adamfoɔ, Ɔpɛpɔn 2025, 26–28.

Bosome bosome Adamfoɔ Nkransɛm, Ɔpɛpɔn 2025

Yikyerɛ a Ɛdi Kan No

Wobɛtumi akenkan saa abasɛm yi wɔ Joseph Smith—Abakɔsɛm 1:1–20.

Joseph Smith rehwɛ ɔbarima bi a ɔreka asɛmpa akyerɛ ekuo bi

Berɛ a na Joseph Smith sua no, nsɔre bebree kyerɛkyerɛɛ nneɛma nsonoeɛ faa Yesu Kristo ho. Na Joseph nhunu asɔre ko a ɔnnɔm.

Joseph Smith rekenkan Twerɛ Kronkron

Dakoro bi, ɔkanee Yakobo 1:5 wɔ Twerɛ Kronkron mu. Ɛkaa sɛ sɛ yɛhia nyansa a, yɛbɛtumi abisa Onyankopɔn. Joseph sii gyinaeɛ sɛ ɔbɛyɛ saa.

Joseph Smith renante kɔ kwaeɛ mu

Ahuhuro berɛ mu da fɛfɛ bi mu, Joseph kɔɔ kwaeɛ mu kɔbɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Ɔsoro Agya.

Joseph Smith rebɔ mpaeɛ

Joseph buu nkotodwe na ɔhyɛɛ aseɛ bɔɔ mpaeɛ Nanso ɛhɔ ara ɔtee nka sɛ esum bi atwa ne ho ahyia. Ehu bɔɔ Joseph. Ɔbisaa mmoa firii Onyankopɔn hɔ.

Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo yii wɔn ho adi kyerɛɛ Joseph Smith

Mpofirim, Joseph hunuu hann bi a ɛhyerɛn sɛ ɛrefiri soro aba fam. Ɔhunuu Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo sɛ wɔsɛn ewiem. Ɔsoro Agya bɔɔ Joseph din. Afei Ɔde Ne nsa kyerɛɛ Yesu Kristo so na ɔkaa sɛ, “Yei ne Me Dɔ Ba Tie No!”

Yesu Kristo

Yesu ka kyerɛɛ Joseph sɛ mma ɔnnɔm nsɔre no mu biara.

Joseph Smith abu nkotodwe na ɔrehwɛ soro

Joseph bɛboa ama wɔde asɛmpa no mahyɛ asan aba asase so.

Joseph Smith ani agye na ɔrefiri kwaeɛ no mu

Joseph adwene anyɛ no ntanta bio. Na anigyeɛ ahyɛ no ma! Ɔhunuu sɛ Onyankopɔn dɔ no. Na nkorɔfoɔ binom nnye nni sɛ wahunu Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo, nanso na ɔnim sɛ ɛyɛ nokorɛ.

Ahosuo adwinnie Kratafa

Ɔsoro Agya Te na Ɔbua Me Mpaebɔ

Yikyerɛ a Ɛdi kan no adwinnie kratafa

Nkyerɛkyerɛmu firi Corey Egbert hɔ

Ɔsoro Agya buaa Joseph mpaebɔ no. Ɔbɛbua wo nso wo deɛ!