“Nephi Bɔ Mpaeɛ ma Nkorɔfoɔ no,” Adamfoɔ, Ɛbɔ 2024, 26–27.
Bosome bosome Adamfoɔ Nkrasɛm, Ɛbɔ 2024
Nephi Bɔ Mpaeɛ ma Nkorɔfoɔ no
Nkyerɛkyerɛmu firi Andrew Bosley hɔ
Na Nephi yɛ nkɔnhyɛni. Wɔde no too Nephi a ɔnyaa yaawa mprɛte no. Na nkorɔfoɔ no ho asɛm ha no. Na wɔagyae Onyankopɔn akyiri die.
Nephi kɔɔ ne turo mu. Ɔforoo abantenten bi wɔ turo no mu na ɔbɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Ɔbɔɔ mpaeɛ maa nkorɔfoɔ no.
Nnipa binom hunuu Nephi wɔ abantenten no so. Wɔgyinaa hɔ tieeɛ na wɔboaboaa afoforɔ ano sɛ wɔbɛte. Nephi wiee mpaebɔ no, ɔhunuu sɛ na wɔrehwɛ no na ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn.
Nephi ka kyerɛɛ nkorɔfoɔ no sɛ wɔnsakyera. Wɔn mu binom ampɛ deɛ Nephi kyerɛkyerɛeɛ no. Nanso afoforɔ bebree tieeɛ! Wɔyii sɛ wɔbɛsakyera na wɔsesaa wɔn akwan.
Ahosuo adwinnie Kratafa
Yesu Boaboa Yɛn ano Sɛdeɛ Akokɔbaatan Boaboa Ne Mma ano
Nkyerɛkyerɛmu firi Adam Koford hɔ
Sɛn na wote ɔdɔ nka firi Yesu Kristo hɔ?
© 2024 by Intellectual Reserve, Inc. Wɔakora hokwan ahodoɔ nyinaa so. Wɔtintimm wɔ USA Borɔfo Kasa ho kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ma Bosome bosome Adamfoɔ Nkrasɛm, Ɛbɔ 2024. Twi. 19357 503